Nkaedi No Kwan a Yɛbɛhwɛ
1 Yɛn nyinaa rehwɛ adeyɛ a ɛhyɛ gyidi den kwan Dwoda, March 24, 1986. Yebehyiam saa da no bere a owia akɔtɔ de akae yɛn Awurade Yesu Kristo wu no. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ Nkaedi no kɔ so fɛfɛɛfɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama eyi ayɛ yiye?
2 Abodoo ne Bobesa: Mubetumi de asikresiam ne nsu ayɛ mo ankasa abodoo a mmɔkaw nnim. Sɛ munni asikresiam a, mubetumi de ɛmo, aburow anaa awi asikresiam ayɛ. Mommmfa nneɛma te sɛ nkyene, asikre, baking powder anaa biribiara nntom. Sɛ mofɔtɔw wie pɛ a montõ. Asafo ti no wɔ Nkaedi bobesa wɔ baa dwumadibea ha. Mubetumi anya bi nso wɔ ɔmansin nhyiam ahorow a wɔbɛyɛ wɔ ɔsram yi mu no ase. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya sɛnea wɔtõ abodoo no ho nsɛm pii no, yɛsrɛ mo, monhwɛ February 15, 1985 Ɔwɛn-Aban no kratafa 27.
3 Ahenni Asa: Yɛsrɛ mo, mommɔ mmɔden nsiesie mo Ahenni Asa no so mma bere titiriw yi. Sɛ ɛho hia sɛ mode aduru kã mu a, bere yi na ɛsɛ sɛ moyɛ saa. Mommma mo werɛ mfi ɔdan no ho, beae a obi yɛ ne ho yiye, ne ade, no nso. Monhwɛ sɛ mubetwitwa nhwiren ne ade a ɛwɔ hɔ no so fɛfɛɛfɛ. Ebia asafo binom bɛkɔ akogye ɔdan a emu so. Ɛsɛ sɛ wosiesie hɔ nso ma ɛfata afahyɛ no.
4 Anigyefo: Yegye di sɛ moafi ase reto nsa afrɛ eyinom dedaw. Momfa Nkaedi nsaano nkrataa a yɛde brɛɛ mo asafo no ɔsram a etwaam no nni dwuma. Mubetumi de bi ama wɔn a moama wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nyinaa, ne afei nso abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo ne Bible adesuafo.
5 Ɛbere: Ɛwom sɛ ebia wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde abodoo ne bobesa no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ. Ɛsɛ sɛ mohwɛ bere a owia bɛtɔ wɔ mo hɔ March 24, nanso wɔ Ghana no, owia taa tɔ bɛyɛ 6:15 anaa 6:30 wɔ mmeae pii.
6 Nkaedi ho Akontaabu: Ɛsɛ sɛ wɔde eyi mana Asafo ti no ntɛm ara wɔ Nkaedi no akyi. Nkaedi ho akontaabu nkratasin pii taa ka akyi afe biara. Wɔde ahyɛ ɔsom boayifo no nsa sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde akontaabu no bɛmana Asafo ti no ntɛm ara, sɛ ebetumi a, Benada, March 25. Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa bom di Nkae afahyɛ no a, akontaabu biako pɛ na wɔde bɛmana, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw asafo ahorow no nyinaa din wɔ akontaabu kratasin no so. Monkae na monkyerɛw wɔn a wodii bi no nyinaa nso din. Sɛ nnipa bi di bi nea edi kan a, ɛbɛyɛ yɛn anigye sɛ mode krataa tiawa bi a ɛka wɔn ho asɛm bɛka ho. Yɛsrɛ mo, monhwɛ February 1, 1976, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30 na moanya akwankyerɛ a ɛfa wɔn a wɔfata sɛ wɔkan wɔn sɛ wodi bi no ho.
7 Asɛnka Adwuma: Esiane sɛ adawurubɔfo pii bɛyɛ akwampaefo aboafo March ne April mu nti, yɛhyɛ nyansa sɛ mpanyimfo nyɛ bere nyinaa asɛnka adwuma ho nhyehyɛe mma asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ mmeae a wɔbɛyɛ asɛnka nhyiam ahorow, asasesin a wɔapaw ne wɔn a wobedi akuw horow no anim. Ɛsɛ sɛ wɔma asafo no hu eyi nyinaa na wɔhyɛ obiara nea ɔyɛ ɔkwampaefo ne nea ɔnyɛ bi, nkuran ma ɔde ne ho hyem kɛse.
8 Nkaedi Bible Akenkan: Bible akenkan a wɔayɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ 1986 kalenda no so nso no na ɛwɔ ase ha no. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ munni akenkan no ho nhyehyɛe no akyi na monkae nneɛma a wɔada no adi wɔ atifi hɔ no na ama afe yi Nkaedi no ayɛ nea ɛyɛ anigye a ɛhyɛ gyidi den.