Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde rema March: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra afe biako de agye ¢240. Sɛ wɔankra a yɛde nsɛmma nhoma abien ne The Government That Will Bring Paradise nhomawa no biako bɛma de agye ¢40. April ne May: True Peace and Security—How Can You Find It? de agye ¢60. June ne July:Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ne “Let Your Kingdom Come,” nhoma abien no a yɛde begye ¢120.
● Esiane se afe yi Nkaedi no si Dwoda nti, ebia ɛho renhia sɛ asafo ahorow pii yɛ nsakrae wɔ bere a wɔde yɛ nhyiam daa no mu dapɛn yi. Sɛ ɛho hia sɛ mutwa nhyiam bi mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ Asafo Nhoma Adesua no na mode saa dapɛn no mu adesua no fã ka dapɛn a edi Nkaedi anim de no ho na mode nea ɛbɛka no aka dapɛn a edi Nkaedi akyi no ho.
● Nkaedi bobesa no bi wɔ Betel. Asafo ahorow a wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam fi saa bere yi kosi Nkaedi dapɛn no mu betumi anya bobesa no bi afi ɔmantam sohwɛfo no hɔ wɔ ɔmansin nhyiam no ase. Asafo a aka no nyinaa betumi abɛtɔ bi wɔ Betel. Toaa (Coca-Cola) biako yɛ ¢50. Momfa toaa a emu ye a ɛwɔ ntuaano pa mmra.
● Wɔde rehyɛ ɔsom boayifo no nyinaa nsa sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde NKAEDI no AKONTAABU no bɛmana Asafo ti no ntɛm ara wɔ Nkaedi no akyi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi Benada March 25. Ɛho nhia sɛ wɔbɛtwɛn akosi sɛ wobewie March ɔsom adwuma akontaabu no ansa.
● Yɛwɔ anidaso sɛ wɔn a wɔbaa baguam ɔkasa titiriw no ase March 9 no nyinaa bɛsan aba nkaedi no ase March 24. Monhwɛ sɛ mobɛbɔ ɔkasa titiriw no ho dawuru kɛse.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo sika akontaabu mu March 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ ɛka bi wɔ hɔ a, munhu nea ɛma ɛbaa saa na monhwɛ nea mobɛyɛ de atua ka no. Monhwɛ yɛn krataa BS December 7, 1984 no mu.
● Monyɛ nea mubetumi biara mfa afe asɛm foforo no mmɔ mo Ahenni Asa no so ansa na Nkaedi no adu.
● Yɛsrɛ asafo ahorow a wɔawie wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ no akyerɛwfo sɛ wɔmfa wɔn asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa ho akontaabu titiriw no mmana Asafo ti no ntɛm ara, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.
● Ɔmansin Nhyiam Ahorow:
March 1, 2: Ɔmansin 7 wɔ Mampong Ashanti
March 1, 2: Ɔmansin 5 wɔ Hohoe
March 8, 9: Wɔrenyɛ nhyiam biara
March 15, 16: Ɔmansin 10 wɔ Kumasi
March 15, 16: Ɔmansin 1 wɔ Nungua
March 22, 23: Wɔrenyɛ nhyiam biara
March 29, 30: Ɔmansin 22 wɔ Kumasi
March 29, 30: Ɔmansin 19 wɔ Nungua