Ɛrekɔ So Dɛn?
Ɛdenam Yehowa ahoɔden so no yɛn Betel foforo no ho adwumayɛ rekɔ so fɛfɛɛfɛ. Afei de wɔde aduru aka Tintimbea no mu nyinaa awie. Wɔawie office ahorow no nsɛmso no nso. Wɔde nkankyee abɔ beae a wɔbɛtra no nyinaa so awie. Ɛhyɛ yɛn nkuran kɛse sɛ yehu mo ani a egye adwuma yi ho bere a ankorankoro ne asafo ahorow ba ha nsrahwɛ no. Ɛka dodow a yɛabɔ wɔ ho besi mprempren yɛ ¢83,095,776.01. Sɛ mo mpaebɔ ne mo mmoa nka ho a, anka eyi rentumi nyɛ yiye.