Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/86 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1986
Yɛn Ahenni Som—1986
km 10/86 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma October: New World Translation Bible ne Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma no. November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra.

● Asafo ahorow ne akwampaefo a wɔreyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma no betumi ama wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bere a wɔreyɛ asasesin no mu adwuma no. Eyi bɛma anigyefo no akɔ so anya honhom fam aduan bere a wɔayɛ asasesin no mu adwuma awie no.

● Yɛrekae ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhyehyɛ nkratasin a edidi so yi na wɔmfa emu biara biako mmana Asafo ti no ntɛm ara: (1) Literature Inventory, (2) Congregation Analysis Report ne Pioneer Information Report.

● Wobefi ɔmansin nhyiam horow no ase February mu, wɔ ɔmantam nhyiam no akyi.

● Wɔde Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi ho nhyehyɛe ma 1981 ahyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu. Eyi bɛma sukuu so ahwɛfo no ahu ho akwankyerɛ no na wɔadi kan de dwumadi ahorow no ama. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu ho akwankyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a yebesiesie yɛn ho yiye ama yɛn dwumadi ahorow no.

● Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa​—1987: Yɛsrɛ adawurubɔfo ne akwampaefo sɛ monkra mo Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ nhomawa no denam mo asafo no so. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kyerɛw wɔn a wohia bi no din mprempren. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ dodow a wohia no wɔ Literature Order kratasin (S-14) no so na wɔde brɛ Asafo ti no October 15, 1986 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa-1987 a yebenya wɔ Ghana ha no wɔ Engiresi, Twi, Ewe ne Franse kasa mu nkutoo. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nea ɛwɔ Twi, Ewe ne Franse kasa mu a wɔrekra no wɔ “Other Language Publications” ase wɔ kratasin no so na wɔkyerɛ dodow a wohia wɔ kasa biara mu ne sɛ ɛyɛ 1987 de. Eyi yɛ controlled stock nneɛma enti ɛnsɛ sɛ mokra gu mo asafo mu, Mmom monkra nea muhia nkutoo. Yɛde bɛka mo nhoma ka ho a biako yɛ ¢30 ma adawurubɔfo. Daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw a wɔpaw wɔn ansa na July 1986 reba no betumi anya biako kwa. Wobetumi atɔ bi aka ho a biako yɛ ¢20 ma akwampaefo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa nea wɔde ma akwampaefo a wɔfata kwa no nka mo nhoma ka ho no, monkyerɛ ɛno wɔ S-20 kratasin a mode brɛ Asafo ti no ɔsram biara no so na monkyerɛ ne dodow. Yɛbɛtwɛn akosi sɛ yɛn nsa bɛka nhomawa no ansa na yɛde nea moakra no amana mo, enti sɛ ɛkyɛ a monnsan nnkra. Sɛ mubehia FOFORO aka ho a, mubetumi ayɛ saa, nanso monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw kratasin no so sɛ FOFORO A WƆASAN AKRA.” Ɛyɛ bere a yɛwɔ bi wɔ ha no nkutoo na yebedi nea moasan akra no ho dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena