Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma July: Nhomawa a ekura nkratafa 32 no anan biara a wɔka bom de gye ¢20.
● Asafo ahorow no betumi abisa ma wɔatew nhomawa ahorow a akwampaefo ne adawurubɔfo gyei wɔ July nhoma anan dwumadi no mu no afi wɔn ka so.
Wɔreyɛ Cost List foforo a wobefi ase de adi adwuma September 1, 1987 rekɔ. Asafo ahorow nyinaa de bo foforo na ebedi dwuma fi September 1,1987.
● Asafo biara nsa bɛka Literature Inventory nkratasin abiɛsa na ɛsɛ sɛ mokan nhoma a mowɔ nyinaa. Yɛsrɛ mo monhyehyɛ nkratasin no nyinaa pɛpɛɛpɛ sɛnea akwankyerɛ a ɛwɔ so no kyerɛ, na momfa biako mmana Asafo ti ansa na September 6 adu. Momfa nea ɛto so abiɛsa no nni dwuma bere a moreyɛ ho adwuma no.
● Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hyehyɛ Congregation Analysis Report kratasin (S-10) no pɛpɛɛpɛ na wɔde biako mana Asafo ti ansa na September 6 adu. Mo nsa bɛka nkratasin no nnansa yi ara.