Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛm a Wɔde Siw Nkɔmmɔbɔ Ho Kwan Ho Dwuma a Wodi So
1 Sɛ yenya hokwan biara a ɛbɛma yɛadi Ahenni no ho adanse a ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a efi komam sɛ yɛbɛka asɛm no wɔ ɔkwan a etu mpɔn sen biara so. Wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu no, Hebrifo 13:15 kae yɛn sɛ: ‘Momma ɛmmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’ Krado a yɛbɛyɛ sɛ yɛde Reasoning nhoma no bedi dwuma wɔ ahokokwaw mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi nsɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ ho kwan ho dwuma no bɛma yɛn som adwuma no anya nkɔso.
2 Ebia ɛyɛ nneɛma ahorow pii nti na ofiewura bi de asɛm a ebetumi asiw nkɔmmɔbɔ ho kwan bedi dwuma. Bere a ebia nnipa pii yɛ koma pafo no, afoforo hyɛ da kwati yɛn anaasɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe mpɔn a asɛm a yɛka no tu no na amma yɛantoa so. Sɛ yenim nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ Reasoning nhoma no mu no mu bi a, yebetumi ahu tebea no ntɛm na yɛadi ho dwuma ma afata. (Mmeb. 25:11; Yes. 50:4) Eyi betumi abue kwan ma yɛadi adanse fɛfɛɛfɛ a sɛ yensiesiee yɛn ho sɛ yebegyina asɛnnennen yi ano a, anka yɛrentumi nyɛ saa no. Dɛn nti na wunsusuw sɛnea wubetumi abua nsɛm a wobetumi de asiw nkɔmmɔbɔ ho kwan no mu binom no ho anibere so?
3 “M’ANI NNYE HO”: Hyɛ no nsow sɛ mmuae ahorow a wɔde ho nyansahyɛ ama wɔ Reasoning nhoma no kratafa 16 no nyinaa fa nsɛm ahorow a ɛkanyan adwene a wonam anifere so bebisa ofiewura no tee no ho. Eyi yɛ ɔkwan pa efisɛ ɛma ofiewura no kasa. Ebetumi ada ne nsusuwii ne ne nkate horow adi. Eyi nso betumi aboa wo ma woatoa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Sɛ obi ka sɛ “m’ani nnye ho” a, so woabisa pɛn sɛ: “Sɛ mitumi fi Bible mu kyerɛ wo sɛ wobeyi nsɛmmɔnedi, ɔko, no nnipa ntam akameakamedi nyinaa afi hɔ a, so w’ani begye ho?” Sɔ hwɛ. Afoforo de nsemmisa a ɛte sɛɛ adi dwuma ma biribi pa afi mu aba.
5 “MINNI ADAGYEW”: Sɛnea ɛte wɔ nsɛm afoforo a wobetumi de asiw nkɔmmɔbɔ ho kwan nyinaa ho no, wubetumi apene so na afei woagyina so de aka asɛm tiawa bi. Ebia wubetumi de nyansahyɛ a edi kan wɔ kratafa 19 no adi dwuma. “Ɛnde merenkyɛ koraa. Maba sɛ merebɛka asɛm biako pɛ akyerɛ wo.” Afei wubetumi aka mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a ɛfa nyamesom ho no mu asɛntitiriw no akyerɛ no.
6 Wɔ faako a ofiewura no nni adagyew ampa no, ɛsɛ sɛ wuhu, na wubetumi abisa asɛm bi a ɛkanyan adwene na woakyerɛ sɛ wobɛba abɛma mmuae wɔ bere foforo mu. Esiane sɛ ɔdawurubɔfo bi faa ɔkwan a etwa to no so nti, ofiewura no kɔhwehwɛɛ no a na ɔpɛ sɛ onya asemmisa no ho mmuae ntɛm. So nneɛma a ɛte sɛɛ a efi mu ba no mfata bere ne mmɔden a yɛbɔ de siesie yɛn ho na ama yɛadi akwanside ahorow a yebetumi ahyia wɔ ɔsom adwuma no mu ho dwuma no?
7 Nsɛm a edi kan wɔ Reasoning nhoma no kratafa 15 no kae yɛn sɛ Ahenni asɛm no yɛ anigye na ɛhyɛ gyidi den. Etumi sakra wɔn a wotie no asetra. Esiane sɛ Ahenni dawurubɔfo biara nim eyi nti, ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ ɔde afɔrebɔ a ɛsom bo, ‘yɛn ano anantwinini’ bɛma bere a yenya adansedi mu kyɛfo no. (Hos. 14:2) Mma nsɛm a wobetumi de asiw nkɔmmɔbɔ ho kwan no kwan mma ɛmmrɛ wo som adwuma no anaa anigye a wowɔ no ase. Fa Reasoning nhoma no di dwuma pa bere a woka asɛmpa no.