Fa Nsɛm a Ekura Atrimpɔw Tititiriw No Di Dwuma Yiye
1 Nsɛmma nhoma kyekyɛ renya nkɔanim kɛse. Nsɛmma nhoma 394,899,446 a wotintimii wo 1979 mu no kɔɔ soro koduu 585,369,060 wɔ 1987 mu a ɛyɛ nkɔanim bɛyɛ ɔha biara mu 50, anaasɛ ɛkyerɛ sɛ wotintim nsɛmma nhoma 190,469,614 wɔ 1987 mu sen sɛnea wɔyɛe wɔ 1979 mu! Na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛboro 1,135,585,000 na wotintimii wɔ mfe abien a etwaam no mu.
2 Ɛdenam nnuru a ɛyɛ fɛ a wɔde yɛ so no, hwɛbea mu nkɔso a ɛyɛ nwonwa baa Ɔwɛn-Aban no mu wɔ January 1986 mu ne wɔ Nyan! mu wɔ January 1987 mu. So woakyerɛ eyi ho anisɔ? Pii ayɛ saa, na wɔaka akyerɛ yɛn. Asemmisa no ne sɛ, So yebetumi de yɛn nsɛmma nhoma no adi dwuma ma atu mpɔn kɛse mpo?
3 Nea ɛbɛboa wo ma woayɛ eyi no, Yɛn Ahenni Som bedi kan abɔ nsɛmma nhoma ahorow no mu nsɛm bi a ekura atirimpɔw titiriw a ebia nnipa pɔtee bi a wɔwɔ w’asasesin no mu ani begye ho ho amanneɛ. Wɔde nnipa a ebia wɔn ani begye eyinom ho no ho nyansahyɛ bɛma. Sɛ adawurubɔfo pɛ sɛ wonya bi ka nea wogye dedaw no ho a, ɛsɛ sɛ wɔkra no ntɛm ara.
4 Sɛ nhwɛso no, September 8 Awake! no ka asɛmti a ɛne “Awofo—Mo Nso Mowɔ Ofie Adwuma!” ho asɛm. Ɛsɛ sɛ sukuu akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo ani gye eyi ho efisɛ nsɛm no si awofo asɛyɛde ahorow sɛ wɔne sukuu nhyehyɛe no bɛyɛ biako wɔ wɔn mma ntetee mu no so dua. Enti ebia mo asafo no bɛpɛ sɛ wonya bi ka nea mugye no ho.
5 October 8 Awake! no bɛka AIDS yare no ho nsɛm fefeefe a nnipa pii a nnuruyɛ mu adwumayɛfo ka ho ani begye ho. Na October 22 Awake! no ka awaregu ne abofra ɔhwɛ ho asɛm. Ebia wobɛpɛ sɛ wugyaw bi ma mmaranimfo ne abusua mu nsɛm ho ɔfotufo biara a ɔwɔ w’asasesin no mu no.
6 Ɛsɛ sɛ wɔkwati nsɛmma nhoma a wɔakra aka ho a wɔde mana ahopere mu. Sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di kan hu asafo no ahiade na ɔde nea wɔrekra mana ntɛm a wobetumi ayɛ eyi.