Monhyɛ No Nsow!
Yɛde computer na ɛyɛ yɛn tintim ne dwumadi afoforo nyinaa afei. Yɛsrɛ mo monhyɛ nea edidi so yi nsow na ama yɛatumi asom mo yiye:
1. Ɛsɛ sɛ mohyehyɛ nkratasin biara a mode bɛba baa dwumadibea ha no wie koraa, a mo asafo no din ne nɔma ka ho.
2. Ɛdefa ɛda a ɛhyɛ so ho no, momfa ɔkwan a edi so yi nni dwuma: Day/Month/Year (Ɛda/Ɔsram/Afe) . Sɛ nhwɛso no, 20th July 1988 anaa 20/7/88.
3. Ɛsɛ sɛ mohyehyɛ nhoma ahorow a motɔnee wɔ ɔsram biako pɛ mu wɔ Remittance and Credit Request (S-20) kratasin a mo asafo no de bɛba no so. Monnnka asram abien anaa nea ɛboro saa de mmom wɔ Remittance kratasin koro no ara so da.
Yɛhyɛ mpanyimfo titiriw nkuran sɛ wɔnhwɛ sɛ wobedi akwankyerɛ a ɛwɔ atifi hɔ no so.