Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/88 kr. 7-8
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1988
Yɛn Ahenni Som—1988
km 11/88 kr. 7-8

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma November: Afe biako Nyan! anaasɛ Ɔwɛn-Aban kra de agye ¢300. Yɛkamfo kyerɛ sɛ ma wɔnkra abien no nyinaa na fa gye ¢600. (Borɔfo de no yɛ ¢600 na n’abien yɛ ¢1,200.) December: New World Translation Bible ne “Kingdom Come” nhoma no. January: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. February ne March: Nhoma ketewa biara a akyɛ a wotintim no bɛyɛ 1980 mu de agye ne bo no fã.

● Ɛsɛ asafo ahorow fi ase kra 1989 Yearbook of Jehovah’s Witnesses ka wɔn nhoma a wɔbɛkra November mu no hɔ. Wobenya 1989 Yearbook no wɔ Engiresi ne French mu nkutoo wɔ Ghana. Adawurubɔfo ne amanfo bɛtɔ no ¢250 na akwampaefo atɔ no ¢125. Daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw a wofi ase ansa na July 1 reba no betumi agye biako kwa. Ɛsɛ sɛ asafo no de kratasin a wɔde kra nhoma no foforo hyehyɛ nea akwampaefo a wɔfata sɛ wogye bi kwa begye no. Yɛsrɛ mo monkyerɛw kratasin no so se: “FREE COPIES FOR PIONEERS ON THE LIST BEFORE JULY 1, 1988.” Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ nea wɔrekra ama adawurubɔfo ne akwampaefo a wɔmfata sɛ wogye bi kwa no wɔ kratasin a wɔde kra no foforo so.

● Drama ahorow a wɔbɛyɛ wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no ase no mu biako gyina Hesekiel 9:1-11 ne (Numeri 35:1-34 so. Foforo no gyina Genesis 6:1-7:24; 18:20-19:26 so. Ɛsɛ sɛ obiara kenkan saa mmeae yi sɛnea ɛbɛyɛ a obenya drama a wɔbɛyɛ no mu mfaso kɛse.

● Sɛ wɔrenyɛ asafo Nhoma Adesua no wɔ nhyiam dapɛn no mu a, mubetumi asua saa dapɛn no adesua no fã wɔ dapɛn a edi anim no mu na moasua ɔfã a aka no dapɛn a edi akyi no mu. Wɔ saa kwan yi so no nsɛm a ɛho hia a ɛwom no mu biara rempa mo ti so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena