Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban a wɔma wɔkra. December: New World Translation Bible ne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa no. January 1991: Me Nhoma a a aka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. February ne March, 1991: Mubetumi de nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a wotintim ansa na 1980 reba ama de agye ne bo a ɛwɔ Cost List no so no fã.
● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 1991 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no. Momfa Literature Order Blank (S-14) a mode di dwuma daa no nkra. Eyi yɛ controlled stock ade. Enti, ɛsɛ sɛ mokra dodow a adawurubɔfo no abisa no nkutoo. Ɛnsɛ sɛ mokra bi ka ho de gu hɔ, gye nea mode bɛhyɛ mo asafo no nhomakorabea, nea ɛsɛ sɛ asafo no tua ka. Yɛsrɛ mo, ɛnsɛ sɛ mokra biribi foforo biara ka Yearbook no ho wɔ Literature Order Blank no so. Sɛ ehia sɛ mokra biribi foforo a, momfa Literature Order Blank foforo nni dwuma. Wɔn a wɔyɛɛ akwampaefo ansa na July 1, 1990 reba no fata sɛ wonya Yearbook no bi kwa. Yɛsrɛ mo, momfa Order Blank foforo nkra nea wɔde ma akwampaefo kwa no. Monhwɛ nhu sɛ moakyerɛw saa Order Blank pɔtee no so sɛ “FREE COPIES FOR PIONEERS.” Wɔremfa eyi nka mo ka ho, enti yɛsrɛ mo, mummmisa sɛ wɔntew mfi mo ka so. Akwampaefo a wɔmfata sɛ wɔma wɔn bi kwa no betumi atɔ nea asafo no krae no bi, na wɔatua akwampaefo bo a ɛwɔ Cost List no so no.
● Sɛ mode telefon nɔma 712454 di dwuma a, mo nsa renka Betel. Yɛsrɛ mo, ɛnsɛ sɛ mode di dwuma. o ɛ
● Esiane mprempren tebea no nti, Asafo ti no rentumi nnya Nkaedi bobesa mma asafo ahorow no. Enti, yɛrebɔ asafo ahorow no amanneɛ ma wɔayɛ wɔn ankasa nhyehyɛe atɔ Nkaedi bobesa no. Wɔ afe anaa mfe abien a atwam no mu no, bobesa a wɔtɔn no Ghana no anya nkɔanim enti yennye nni sɛ mubehyia ɔhaw biara. Nanso, amanneɛbɔ a yɛadi kan de ama yi nti, wɔn a wɔpɛ no betumi atɔ nea wohia no wɔ aman a ɛbemmɛn no mu bere a wɔkɔ ɔmantam nhyiam no. Ɛdefa bobesa a ɛfata ho no, yɛsrɛ mo sɛ monhwɛ February 15, 1990 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 11.