Hu Wo Nuanom Yiye
1 Yɛne yɛn mfɛfo asomfo ntam abusuabɔ kyerɛ pii sen sɛ yɛne wɔn bɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so kɛkɛ. Yɛyɛ Onyankopɔn apɛdeyɛfo, na ɛno ma yɛne Yesu nya honhom fam abusuabɔ. (Marko 3:34, 35) Ɛno nso ma yɛne afoforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu, yɛn honhom mu anuanom mmarima ne mmea a wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ wɔn no nya honhom mu abusuabɔ. (Yoh. 13:35) Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne “Nyankopɔn fifo” bɔ no bɔ mmɔden sɛ wobehu wɔn ho wɔn ho yiye.—Efe. 2:19.
2 Fa Wo Nuanom Din Hu Wɔn: So wunim mo Asafo Nhoma Adesua no mu anuanom mmarima ne mmea nyinaa din? Mpɛn pii no kuw no sua, na ɛma ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wubehu wɔn a wɔba no dodow no ara din, sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa mpo a. Sɛ wunnim wɔn din a, so wubetumi aka sɛ wunim wɔn yiye?
3 Na afoforo a mmofra a wɔba nhyiam wɔ Ahenni Asa so ka ho, a wubehu wɔn no nso ɛ? Ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛne nnamfo kuw kakraa bi na ɛbɔ fekuw. Ɛwom sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ yɛne nnipa bi bɛbɔ fekuw daa de, nanso yɛrempɛ sɛ nnipa kakraa bi pɛ nkutoo na yebekyia wɔn anigye so na yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ. Ɛsɛ sɛ ‘yɛtrɛw mu,’ na yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu yɛn nuanom mmarima ne mmea nyinaa yiye. (2 Kor. 6:11-13) Ɛda adi sɛ wɔn din a yɛde behu wɔn ka ɛno ho.
4 Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ asafo nhyiam horow so no bɔ mmɔden sɛ wobehu wɔn a wɔba no nyinaa din. Wɔn mu biara din a wofi asɛnka agua so bɔ frɛ wɔn no ma wɔte nka sɛ ani sɔ wɔn mmuae ahorow no, na bere koro no ara, ɛboa afoforo ma wohu wɔn din. Nokwarem no, ɛbɛyɛ nea wɔn a wɔaba foforo anaasɛ nsrahwɛfo bi wɔ atiefo no mu bere nyinaa, na ɛma ɛyɛ den ma obiara sɛ obehu obiara din. Nanso, mmɔden a efi komam a yɛkɔ so bɔ no hyɛ afoforo nkuran na ɛda no adi sɛ yɛwɔ obiara ho anigye ankasa.—Rom. 1:11, 12.
5 Di Kan Hu Wɔn Yiye: Mpɛn pii no ahwɛfo akwantufo tumi hu anuanom mmarima ne mmea bebree. Wɔyɛ dɛn tumi yɛ saa? Wɔnam akwan atitiriw abiɛsa so: (1) Wɔne wɔn yɛ adwuma daa wɔ asɛnka mu; (2) wɔpene nsa a wɔto frɛ wɔn kɔ wɔn afie mu no so sɛnea wɔn tebea ma kwan; na (3) wodi kan kyiakyia mpanyimfo ne mmofra nyinaa wɔ nhyiam horow ase.
6 So wubetumi ahu akwan a wobɛfa so atrɛw wo fekubɔ mu na woahu wo nuanom yiye? Ɛda adi sɛ yebetumi ato nsa afrɛ afoforo ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛakɔ asɛnka. Afie afie a yɛkɔ, sankɔhwɛ a yɛyɛ, Bible adesua a yɛkɔyɛ, anaa nsɛmma nhoma a yɛde yɛ mmɔnten so adansedi yɛ akwan a eye kyɛn so a yɛbɛfa so ahu wɔn yiye. Ɛyɛ papa nso sɛ wobɛto nsa afrɛ afoforo aba wo fie, na ebia wo ne wɔn adidi anaasɛ moadi nnɔkɔnnɔkɔwade wɔ mmere bi mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔaba foforo anaa wɔn a wɔfɛre ade nkyɛn a yefi yɛn pɛ mu kɔ no hyɛ wɔn den pii wɔ honhom mu nko, na mmom ɛde mfaso pii nso ba.—Aso. 20:35; 1 Tes. 5:11.
7 Ná Paulo nim ne nuanom yiye. Wɔn mu pii din a ɔbobɔe wɔ ne nkrataa mu no yɛ wɔn ho anigye a pɛsɛmenkominya nnim ne ɔdɔ ankasa a na ɔwɔ ma wɔn no ho adanse. (1 Tes. 2:17; 2 Tim. 4:19, 20) Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebehu yɛn nuanom yiye no bɛkyerɛ nhyira horow ama yɛn nyinaa.