Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/94 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 8/94 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma August: Mubetumi de brochure a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa, Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔkra. November: New World Translation of the Holy Scriptures ne nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

◼ Wɔrema asafo ahorow no ate sɛ wɔmfa Literature Request Form (S-AB-14) no nkra afe biara controlled stock nneɛma te sɛ Yearbook, kalenda, Watchtower bound volume ahorow, Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa ne nea ɛkeka ho, na wɔmfa mmrɛ Asafo ti no ansa na September 30, 1994 adu.

◼ Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ Special Service Forms Order no awie de abrɛ Asafo ti no ansa na September 30, 1994 adu. Ɛno bɛma asafo no anya service form ahorow de adi dwuma wɔ afe no nyinaa mu. Ɛnsɛ sɛ mosɛe nkrataa yi. Ɛsɛ sɛ mode yɛ nea wɔkyerɛ sɛ momfa nyɛ no nkutoo.

◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo ankorankoro kra no ho dwuma. Wɔn a wɔpɛ biribi pɔtee bi no betumi aka akyerɛ nhoma sohwɛfo no, na ɔde bɛka nhoma a wɔn asafo no kra ɔsram biara no ho ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde amanneɛbɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a asafo no de kra nhoma ɔsram biara no abrɛ Asafo ti no, na ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtɔ nhoma a wɔn ankasa de bedi dwuma no nyinaa atumi aka akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no.

◼ Asafo biara benya Literature Inventory (S-18) nkrataa abiɛsa. Ɛsɛ sɛ asafo no kyerɛwfo ne nhoma sohwɛfo no hyia ntɛm wɔ August mu paw da a wɔde bɛkan nhoma a asafo no wɔ no wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ wɔkan nhoma a wɔwɔ no nyinaa ankasa, na wɔkyerɛw ne dodow hyɛ Literature Inventory krataa no so. Wobetumi agye nsɛmma nhoma a wɔwɔ no dodow afi nsɛmma nhoma sohwɛfo no hɔ. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmrɛ Asafo ti no ansa na September 6 adu. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a mokan nhoma no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ nhoma no kan so, na ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ krataa a wɔahyehyɛ awie no mu. Ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ krataa no ase.

◼ Asafo no kyerɛwfo bɛboaboa ɔsom adwuma ho akontaabu no ano na wahyehyɛ wɔ Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amanneɛbɔ krataa (S-10) no so. Afei nso ɔde akwankyerɛ bɛma ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo biara a ebia ɔbɛboa no ma wɔaboaboa akontaabu no ano no yiye. Eyi bɛma wɔaboaboa nsɛm a edi mu a wohia afi Asafo Mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin (S-21) no so no ano. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amanneɛbɔ krataa (S-10) no pɛpɛɛpɛ fɛfɛɛfɛ ma ɔsom boayikuw no hwɛ mu yiye na wɔde brɛ Asafo ti no ansa na September 10 adu.

◼ Efi September rekɔ no, amansin so ahwɛfo bɛma baguam ɔkasa a ɛne “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Yehowa Yɛ Wo Guankɔbea?”

◼ Eyi ne ɔsom afe no ɔsram a etwa to. Wɔhyɛ ɔdawurubɔfo biara nkuran sɛ ɔmfa n’akontaabu mma ntɛm wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de akontaabu no mana ansa na September 6 adu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena