Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/95 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 4/95 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

January 2 besi April 17, 1995 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ho sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma no remma afã ahorow nyinaa so.]

Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:

1. Nea tumidi ho ɔsɛmpɔw no fa ho ankasa ne onii a ɔwɔ tumi kɛse, Yehowa anaasɛ Satan. [1, jv nkr. 11-12]

2. Ná afeha a edi kan Kristofo asafo no yɛ fekuw a enni ti a asafo ahorow a emu biara atew ne ho na na ɛwom. [10, jv kr. 29 nky. 1-3]

3. Afotu a wogye tom yɛ mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne. [12, uw-TW kr. 127 nky. 4]

4. Nsɛm “ɔhwɛfo” ne “ɔpanyin” nyinaa ka dibea koro ho asɛm. [12, jv kr. 35 ase hɔ asɛm]

5. Mmebusɛm 11:25 yɛ Hebri anwensɛm mu nsɛm anaa nsusuwii a edi nsɛ ho nhwɛso, na Mmebusɛm 10:7 yɛ nsɛm a ɛbɔ abira ho nhwɛso. [8, si kr. 107 nky. 7]

6. Wɔ afe 33 Y.B. mu, bere a wonyanee Yesu na ɔkɔtraa Onyankopɔn nsa nifa so no, ofii ase dii n’asuafo a wɔasra wɔn no so saa bere no. (Kol. 1:13) [10, gt-TW ti 132]

7. Bɛyɛ mfe 3,000 ansa na nyansahufo rehu awosu mmara no, na Dwom 139:13-16 ada ho nimdeɛ adi. [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW92 5/15 kr. 4]

8. Mmebusɛm 8:22-31 ka nyansa ho asɛm nkutoo [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87 5/15 kr. 28.]

9. Ɛnsɛ sɛ nokware Kristoni kyi biribiara. [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW92 1/1 kr. 21.]

10. Esiane sɛ tete Kristofo no mu pii dii adanse a wɔansuro owu nti, Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “adanse” benyaa ntease a wɔde kaa nnipa a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobewu ama nneɛma a wogye di ho asɛm. [1, jv kr. 13]

Bua nsemmisa a edidi so yi:

11. Bobɔ Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no baasa din. [2, jv nkr. 13-14]

12. Sɛnea Yesaia 43:10 ne 61:1, 2 kyerɛ no, ntease abien bɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ Yehowa dansefo? [3, jv kr. 19 nky. 4]

13. Sɛ na Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristofo akyiri yi no nim Onyankopɔn din dedaw a, ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi kyerɛɛ wɔn, anaasɛ ɔma wohui? [4, jv kr. 21 nky. 1]

14. Ahyehyɛde mu nsakrae atitiriw abien bɛn na ɛbɛhyɛn asafo no mu wɔ ɔsomafo a otwa to no wu akyi mfe 150 anaa nea ɛte saa mu? [12, jv kr. 35 nky. 2, kr. 36 nky. 2]

15. Ɛwom sɛ Ɔsesɛw no de nneɛma pa bi bae de, nanso bobɔ sintɔ atitiriw abien a anyɛ yiye koraa no Protestant asɔre ahorow no nya fii Katoleksom mu. [13, jv kr. 39 nky. 2, 3]

16. Atoro nkyerɛkyerɛ bɛn na komapafo Charles Taze Russell a na onii mfe aduonu no powee? [14, jv kr. 43 nky. 2]

17. Dɛn na ɛmaa sɛnea Onua Russell kyerɛkyerɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu no yɛɛ soronko fii ne bere so akyerɛwfo pii no de ho? [16, jv kr. 53 nky. 3]

18. Mfaso bɛn na Yesu nya fii Nnwom mu nimdeɛ a na ɔwɔ no mu? [6, si kr. 105 nky. 30]

19. Dɛn nti na asomafo anokwafo no, Yesu nua Yakobo, ne asuafo bɛboro 500 gye dii sɛ wonyanee Yesu? [9, gt-TW ti 131]

20. Hena na ɔmaa Salomo nyansa, na ɛsɛ sɛ ɛno ma yɛkyerɛ dɛn ho anisɔ bere a yɛkenkan Mmebusɛm no? [7, si kr. 106 nky. 1]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi adi mũ ma:

21. Ná wɔn a Yesu kaa ne nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 1:8 no kyerɛɛ wɔn no yɛ ․․․․․․․ adansefo dedaw, na na afei na wɔrebenya hokwan foforo abɛyɛ Yesu adansefo. [9, jv kr. 26 nky. 1, 2]

22. Ná Onua Russell gye di sɛ Kristo sanba no bɛyɛ nea ․․․․․․․, na ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ bere tenten ansa na Russell reba no, na Owura Isaac Newton akyerɛw sɛ, Kristo bɛsan aba abedi ade a “․․․․․․․.” [15, jv kr. 46 ase hɔ asɛm]

23. Wɔ Petro kasa a agye din a ɔmae wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, ɔfaa ․․․․․․․ nhoma no mu nsɛm kae mpɛn pii; saa da no wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu de wɔn bɛkaa asafo no ho. [5, si kr. 105, nky. 25, 26]

24. Dwom nhoma no hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛma Yesu ․․․․․․․ sɛ ɔnnom, ne sɛ wɔbɛbɔ ne ․․․․․․․ so ntonto, na ɛbɛyɛ te sɛ nea ․․․․․․․ agyaw no. [6, si kr. 105 nky. 30]

25. Ná wɔfrɛ Kristosom sɛ ․․․․․․․ efisɛ na ɛyɛ asetra kwan a egyina ․․․․․․․ mu gyidi ne n’anammɔn akyi pɛɛ a wodi so. [11, jv kr. 29 nky. 5]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔmaa no nsa a wɔde aduhuam afra mu, nanso wannom efisɛ (na Mmara no bara; na ɔyɛ Nasirini; ɔpɛe sɛ n’ani so da hɔ yiye). [3, gt-TW ti 125]

27. Nea yɛn ntade a yɛbɛhoro ma ahoa fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu kyerɛ ne sɛ (yebegyae bɔne yɛ; yebehu hia a yehia Yesu afɔre a ɛfata a ɛpata bɔne no; yebehyira yɛn nkwa so ama Onyankopɔn na yɛabɔ asu). [3, uw-TW kr. 106 nky. 7]

28. Anyɛ yiye koraa no (Herode; Pilato; Felike), a akyiri yi Yudafo ahunahuna ma ɔde Yesu maa wɔn no buu no bem mpɛn anum. [2, gt-TW ti 124]

29. Wɔamfa honhom kronkron ansra Onyankopɔn asomfo anokwafo a wowuwui na wɔkɔɔ so dedae wɔ owu mu ansa na Pentekoste afe (36; 35; 33) Y.B. reba no mu biara amma ɔsoro asetra. [5, uw-TW kr. 111 nky. 5]

30. Satan kyerɛ sɛ (ɔdɔ; ɔtan; mfaso a wɔn ankasa benya) na ɛkanyan nnipa nyinaa na (Onyankopɔn din; afoforo; wɔn ankasa) ho na wosusuw titiriw. [11, uw-TW kr. 124 nky. 14]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Mmeb. 3:27, 28; Yoh. 19:4-6; 19:25-27; Rom. 15:2, 3; Adi. 7:16, 17

31. Kristofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn awofo a wɔabɔ nkwakora ne mmerewa. [4, gt-TW ti 126]

32. Yefi nokwaredi mu dwen nkɛntɛnso a yɛn ahosiesie benya wɔ afoforo so no ho, enti yefi koma mu de nneɛma a yɛn ankasa ani gye ho bɔ afɔre. [14, uw-TW kr. 130 nky. 10, 11]

33. Bere biara a yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɛyɛ afoforo papa no, sɛ́ ɛyɛ honhom fam anaa honam fam de no, ɛsɛ sɛ yɛde hokwan no di dwuma na yɛboa yɛn yɔnko nipa, ne titiriw yɛn honhom fam anuanom. [8, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW93 12/15 kr. 20.]

34. Kommyɛ ne odwo a nidi wom a yɛbɛda no adi wɔ amanehunu mu betumi ahyɛ Yehowa anuonyam na ama nnipa abu yɛn. [1, gt-TW ti 123]

35. Yɛafi ase renya tebea horow a wɔahyɛ ho bɔ a yɛfrɛ no “honhom mu paradise” ma ɛfata no mu anigye dedaw. [4, uw-TW nkr. 107-8 nky. 9-11]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena