Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/95 kr. 7
  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Bere Woyɛ Ne Wura Anaa N’akoa?
    Nyan!—1988
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Sɛnea Wɔtɔ Bere a Ɛfata
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 6/95 kr. 7

Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye

1 Yehowa ani kũ bere ho. Ɔpɛ sɛ ɛbere ho hia yɛn nso. Ɔnam n’ahyehyɛde no so boa yɛn ma yɛn ani kũ bere ho. Wɔhyɛ yɛn nkuran bere nyinaa sɛ ‘yennya pii nyɛ wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58) Saa kwan yi so no, yebetumi atu mpɔn kɛse wɔ Yehowa som mu.

2 Ɛbere a yɛn mu biara wɔ wɔ dapɛn biara mu no yɛ pɛ—nnɔnhwerew 168. Yɛde yɛn bere di dwuma yiye kosi he? So yɛkyerɛ sɛ yenim baabi a yɛadu wɔ Yehowa ani so ankasa? Yɛma nneɛma a ɛho nhia gye yɛn asabawmu?

3 Ɛho hia sɛ yenya nhyehyɛe pa. Nnipa pii bɔ mmɔden kyerɛkyerɛw nneɛma a ɛho hia to hɔ. Wɔhyehyɛ nneɛma no nnidiso nnidiso de nea ɛho hia kɛse no di kan. Yɛbɛyɛ dɛn ahu ɛno? Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ onipa “hu adepa ne brɛ nyinaa mu.” (Ɔsɛnk. 3:13) Nnwuma bi sow aba pa sen afoforo. Susuw aba a emu biara bɛsow no ho. Sɛ wuwie adwuma no a, ɛde mfaso titiriw bi bɛba anaa? ‘Wubehu adepa’ wo brɛ mu? Sɛ ɛnte saa a, na ebia ɛnyɛ adwuma a ɛho hia titiriw.

4 Yɛn Som Adwuma Mu: Sɛ afoforo ba asɛnka nhyiam ase ntɛm, yɛ aso tie akwankyerɛ, na wɔkɔ asasesin no mu ntɛm ara a, yɛn ani sɔ. Yɛbɛpɛ sɛ yefi ase ka asɛm no a adagyew nnim sen sɛ yɛbɛtwɛn. Ɛda adi sɛ Paulo tee nka sɛ nhyehyɛe pa ho hia bere a ɔkyerɛw eyi no: “Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.”—1 Kor. 14:40.

5 Sɛ yɛwɔ asɛnka mu na sɛ yegyinagyina kodi nnɔkɔnnɔkɔwade a, ebetumi asɛe bere a ɛsom bo. Nanso, sɛ wim yɛ hyew a, ahomegye bɛma yɛanya ahomeka na aboa yɛn ma yɛatoa so. Nanso, nnipa pii ani gye ho mmom sɛ wobedi nkurɔfo adanse a adagyew nnim sen sɛ wɔde bere a wɔde asi hɔ ama ɔsom adwuma no begyinagyina adi nnɔkɔnnɔkɔwade na wɔne anuanom abɔ fekuw. Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ.

6 Bible ka sɛ “Asukɔnkɔn . . . po nim ne bere” a ɔde tu, na ntɛtea nso, “osiesie n’aduan ahohurubere” na ɔde aboaboa ne ho ama awɔw bere. (Yer. 8:7; Mmeb. 6:6-8) Ɛno na yɛn bere a yɛde bedi dwuma yiye no gyina so. Ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yehu yɛn bere.’ Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ bere ho bere a yɛnyɛ katee dodo. Ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nko na ehia sɛ yehu, na mmom bere a ɛho hia sɛ yɛyɛ nso. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebedi kan ayɛ bere ho nhyehyɛe na yɛagya bere ama nneɛma a ebetumi asiw yɛn kwan nso. Na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ nso sɛ yebetwitwa nneɛma bi so de ayɛ biribi a ɛho hia kɛse, te sɛ ahosiesie a yɛbɛyɛ ama yɛn nhyiam horow, asɛnka adwuma, ne teokrase dwumadi afoforo.

7 Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, a ɔkyerɛ yɛn sɛ “ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no.” (Ɔsɛnk. 3:1) Yɛnam yɛn bere a yɛde bedi dwuma yiye so betumi ‘awie yɛn som no koraa.’—2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena