Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma July ne August: Yebetumi de brochure a ekura nkratafa 32 biara adi dwuma, gye Sukuu brochure no nkutoo. September: Yɛde Tra Ase Daa nhoma no bedi dwuma, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden fi ofie Bible adesua ahorow ase. October: Yɛbɛma nkurɔfo akra Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no bi nyɛ saa wɔ wɔn daa ɔsram “Literature Request Form” (S-14) a edi hɔ no so.
◼ Seesei amansin so ahwɛfo rema ɔkasa a wɔato din sɛ “Fa Wo Ho To Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn no So.” Efi September rekɔ no, wɔbɛma ɔkasa a ɛne sɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Di Nkonim Wɔ Wiase Nyinaa,” na ɛbɛyɛ mfonini a woyi kyerɛ.
◼ Asafo ti no retintim 1951 besi 1959 ENGIRESI kasa mu Watchtower bound volume ahorow. Adawurubɔfo a wɔyɛ afoforo anaa asafo afoforo a wohia nhoma ahorow yi bi no betumi afa asafo no so akra bi. Asafo ti no rentintim nhoma ahorow yi mmegu hɔ bere nyinaa. Bound volume ahorow yɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wɔpɛ bi nkutoo, na ɛnsɛ sɛ asafo ahorow kra sum hɔ.
◼ Wɔremmue Betel July 1. Wɔrenyɛ adwuma saa da no.
◼ So mode mo asafo Asasesin a Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa ho Akwammisa krataa (S-90) no amena dedaw? Sɛ monyɛɛ saa a, yɛde eyi rekae mo sɛ monyɛ saa.
◼ Yɛde nkrataa ahorow abien rema asafo ahorow nyinaa ma wɔde akra nneɛma a afe biara wɔkra ma wɔn a wɔpɛ bi nkutoo te sɛ Yearbook, Watchtower bound volume ahorow ne nea ɛkeka ho, ne service form ahorow. Yɛde sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ho akwankyerɛ a emu da hɔ ama wɔ yɛn krataa a ɛne FA:SH a yɛkyerɛw no May 13, 1994 kɔmaa mpanyimfo akuw nyinaa no mu. Yɛsrɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no nhwɛ nhu sɛ wɔahyehyɛ nkrataa abien no pɛpɛɛpɛ ma ebedu September 30, 1995 no, na wɔde amena baa dwumadibea.
◼ Ɔsram biara, asafo pii mfa wɔn asɛnka adwuma ho akontaabu mmrɛ yɛn ntɛm mma yɛmfa nka baa dwumadibea akontaabu ahorow a yɛde kɔma Sodikuw no ho. Dɛn na yebetumi ayɛ? Wɔrekae yɛn nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔkyerɛwfo no de asafo no asɛnka adwuma ho akontaabu no mena baa dwumadibea, “akyɛ koraa, ɔsram no da a ɛto so asia.” Nea ɛbɛboa no ma watumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa de wɔn asɛnka adwuma ho akontaabu ma ntɛm wɔ ɔsram no awiei.