Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/95 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 8/95 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

May 1 besi August 21, 1995 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ho sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛ. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Onyankopɔn som yɛ ankorankoro asɛm, na ennyina yɛne afoforo ntam abusuabɔ so ɔkwan biara so. (1 Yohane 4:20) [1, uw-TW kr. 134 nky. 7]

2. Ná Sodikuw no afotu a wɔde kɔmaa Amanaman Mufo Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi abosonsom, mogya, ne aguamammɔ ho no gyina Mose Mmara no so. (Asomafo no Nnwuma 15:​28, 29) [11, uw-TW kr. 149 nky. 8]

3. Mfiase no, na wɔhwehwɛ sɛ Mose Mmara no bɛkyekyere adesamma nyinaa. (Dw. 147:​19, 20) [10, uw-TW kr. 147 nky. 5]

4. Yesaia ti 53 a wɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 700 ansa na wɔrewo Kristo no te sɛ asɛm a obi de n’ani hui a ɔka faa Yesu Kristo ne sɛnea wɔne no dii ho ankasa. [12, si kr. 119 nky. 8]

5. Onua Russell daa abasamtu kɛse adi sɛ wɔamfa no ankɔ soro 1914. [2, jv Kr. 62 nky. 3]

6. Wiase no mu baabiara nni hɔ a wobetumi anya abusua mu nsɛm ho afotu a ebetumi ayɛ papa te sɛ nea Bible de ma no. [8, uw-TW kr. 144 nky. 11]

7. Mmebusɛm nhoma no ma yɛn haw ahorow ano aduru pɔtee bere a etu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn werɛ nyinaa nhyɛ Onyankopɔn mu no. [5, si kr. 111 nky. 35]

8. Wɔdaa no adi pefee wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., wɔ 1935 mu no ase sɛ ɛho nhia sɛ nnɛyi Yonadabfo de nokwaredi a ɛkɔ akyiri ma Yehowa te sɛ nea wɔn a wɔasra wɔn no yɛ no. [14, jv kr. 83 nky. 5, kr. 84 nky. 1]

9. Sɛ ɔhaw ahorow sɔre wɔ aware mu a, nokware Kristoni renka sɛ ne hokafo no sintɔ ahorow nti ontumi nni n’ankasa asɛyɛde ahorow ho dwuma. [6, uw-TW nkr. 140-1 nky. 4, 5]

10. Ka a Salomo kaa no wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu sɛ ade nyinaa yɛ ahuhude no fa biribiara ho a wonyi bi mfi mu. [9, si kr. 114 nky. 15]

Bua nsemmisa a edidi so yi:

11. Nkyerɛkyerɛ ho ade bɛn na Onua Russell ne n’ahokafo de akokoduru fii ase 1912? [1, jv kr. 59 nky. 5, kr. 60 ase hɔ asɛm]

12. Dɛn na sɔhwɛ ahorow a ɛbaa Bible Asuafo no so fi 1914 besi 1918 no daa no adi? [2, jv kr. 61 nky. 1]

13. Asɛm titiriw bɛn na esii wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, 1931 no ase? (Yes. 43:12) [13, jv kr. 79 nky. 4, kr. 82 nky. 2]

14. Ntease a egyina Kyerɛwnsɛm so bɛn na wɔdaa no adi wɔ 1942 mu wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Asomdwoe​—Ebetumi Atra Hɔ Akyɛ?” no mu, na dɛn nti na na ɔkasa yi asɛmti kanyan adwene saa? [15, jv kr. 93 nky. 2]

15. Wɔ 1943 no, sukuu foforo bɛn na wɔhyɛɛ asafo ahorow nkuran sɛ womfi ase, na dɛn na efii mu bae? [15, jv kr. 94 nky. 2, 3]

16. Mogya a wɔde fa obi ntini mu ma no akyi no, bobɔ akwan afoforo abiɛsa a obi nam so betumi adi mogya ho fɔ wɔ Onyankopɔn anim. [17, uw-TW nkr. 155-6 nky. 3-6]

17. Nea ɛne Mmebusɛm 1:​2-4 hyia no, dɛn na Mmebusɛm nhoma no si so dua? [4, si kr. 109 nky. 19]

18. Bobɔ akasam mfiri abien a Asafo ti no de dii dwuma kɛse wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu de kaa asɛmpa no din. [13, 14, jv nkr. 80-1, 87]

19. Bere bɛn na Ahenni Som Sukuu adesuakuw a edi kan no fii ase, na na n’atirimpɔw ne dɛn? [17, jv kr. 102 nky. 3]

20. Asuade a mfaso wɔ so bɛn na ɛwɔ Salomo Nnwom mu Dwom a ɛyɛ dɛ no mu? [11, si kr. 117 nky. 16]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Onua Russell wiee n’asase so adwuma October 31, 1916, na ․․․․․․․ bɛyɛɛ Asafo ti no titrani a odi hɔ. [2, 3, jv kr. 63 nky. 3, kr. 65 nky. 2]

22. Wɔ 1917 ne 1918 mu no, Bible Asuafo no kyekyɛɛ ․․․․․․․ nhoma no ahoɔden so, na esiane ɔsɔretia a asɔfo ma ɛbae nti, wɔde Onua Rutherford ne n’ahokafo baason koguu ․․․․․․․ wɔ Atlanta, Georgia. [7, jv kr. 69 nky. 3, kr. 70 nky. 1]

23. Wɔ krataa a wɔkenkan kyerɛɛ anuanom a na wɔahyiam wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no afe afe nhyiam ase wɔ 1919 mu no, Onua Rutherford kyerɛw fii afiase sɛ, “Satan akode atitiriw ne ․․․․․․․, ․․․․․․․, ne ․․․․․․․.” [8, jv kr. 72 nky. 3, kr. 73 nky. 7]

24. Wɔ amanaman ntam nhyiam ase wɔ 1922 wɔ Cedar Point, Ohio no, Onua Rutherford kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wiase no hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn, na Yesu Kristo ne ahene mu Hene . . . Enti ․․․․․․․, ․․․․․․․, ․․․․․․․, ․․․․․․․ no ne ․․․․․․․.” [8, jv kr. 72 nky. 1]

25. Onua Rutherford wiee n’asase so adwuma wɔ January 8, 1942, na nnanum akyi no, Onua ․․․․․․․ bɛyɛɛ Asafo ti no titrani. [14, 15, jv kr. 89 nky. 3, kr. 90 nky. 3]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Wofii Gilead sukuu a wɔyɛ maa asɛmpatrɛwfo no ase wɔ (1919; 1935; 1943) mu. [16, jv kr. 95 nky. 2]

27. Woyii New World Translation of the Christian Greek Scriptures no adi nea edi kan wɔ (1946; 1950; 1953), na wɔsan de Onyankopɔn din Yehowa no hyehyɛɛ mu ma epuee mpɛn (154; 193; 237). [17, jv kr. 99 nky. 2]

28. Wotumi hu adanse a ɛkyerɛ sɛ Salomo na ɔkyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma no efisɛ (ne din pue wɔ nhoma no mu nyinaa; wɔn a wɔkyerɛw Bible mu nhoma afoforo bɔ ne din sɛ ɔno ne ne kyerɛwfo; nhoma no ankasa da no adi sɛ Salomo ne ne kyerɛwfo bere a ɛmmɔ ne din). [6, si kr. 112 nky. 4]

29. Wɔ 1932 no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yohanadab (Yonadab), Ɔhene Yehu hokafo no, yɛɛ nkurɔfokuw bi a (wɔbɛyɛ ɔsorokɔfo a wɔto so abien; wobenya daa nkwa wɔ asase so; wonnyina pintinn wɔ nokware no mu) ho mfonini. [14, jv kr. 83 nky. 3]

30. Salomo Nnwom mu Dwom no si (Salomo dwumadi sɛ ɔhene; Salomo ahonya pii no; abeawa bi a ofi akuraa nokwaredi ma oguanhwɛfo aberante bi) so dua. [10, si kr. 115 nky. 2]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Mmeb. 22:3; Ɔsɛnk. 7:​21, 22; Yes. 13:​19, 20; Mat. 5:​23, 24; Kol. 3:​18-20, 23, 24

31. Ɛwom sɛ Yehowa mmɔ ne nkurɔfo ho ban mfi akwanhyia, amanko, anaa nsɛmmɔnedi ho bere nyinaa de, nanso nyansa a egyina Bible so a wɔde di dwuma betumi ayɛ nea mfaso wɔ so. [Mmeb. 22:3] [1, Dapɛn Biara Bible akenkan; hwɛ wTW92 1/1 kr. 17 nky. 23.]

32. Adanse a edi mũ wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ obi adwene mu yɛ no nãã wɔ ba a nkɔmhyɛ bi a efi honhom mu bɛbam ho. [15, Dapɛn Biara Bible akenkan; hwɛ wTW93 5/15 kr. 6.]

33. Nokware Kristoni kɔ ne nuanom nkyɛn ne wɔn kɔkasa ma asomdwoe ba wɔn ntam. [2, uw-TW kr. 135 nky. 10]

34. Abusua mu nkɔso mma denam ɔfoforo a wɔtwɛn no ma ɔyɛ biribi so, na mmom ɛdenam obiara fam de a ɔbɛyɛ no yiye na ɔnam saayɛ so akyerɛ sɛ n’ankasa de onyamesom pa di dwuma wɔ fie no so. [7, uw-TW kr. 143 nky. 10]

35. Ɛnhwehwɛ pɛyɛ mfi w’ankasa anaa wo ne nnipa afoforo a wɔnyɛ pɛ nkitahodi mu sɛnea ɛnsɛ. [8, Dapɛn Biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/1 kr. 8.]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena