Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/95 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 8/95 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ Dɛn ne ɔkwan pa a wɔfa so kan nnipa wɔ nhyiam ase?

Nsɛm a yenim a ɛwɔ Deuteronomium 31:12, 13 no kyerɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔkɔ nhyiam: “Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra . . . mmɔ gua na wontie, na wonsua.” Sɛ yɛrekan nnipa a wɔwɔ nhyiam ase a, ɛda adi sɛ yɛkan mpanyimfo nyinaa. Nanso, na wɔhwehwɛ sɛ wɔn nyinaa betie na wɔasua ade wɔ nhyiam ase, a “mmofra” mpo ka ho. Wɔ Nehemia bere so no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ “obiara a obetumi atie ate ase no” gyinaa hɔ “fi anɔpa kosi owigyinae” tiee mmara a wɔrekenkan no. (Neh. 8:1-8) Ɛda adi sɛ, na mmofra pii ka atiefo no ho. Sɛ wɔante biribiara ase mpo a, na wobetumi agye atom sɛ ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn, wɔsom no, na wotie no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔkan mmofra nkumaa a wonya nhyiam no mu mfaso sɛ nnipa no fã.

Wɔ tebea horow bi mu no, ɛnsɛ sɛ wɔkan mmofra bi. Ɛda adi sɛ eyi bɛyɛ nokware wɔ akokoaa a ɔda ne maame so a onnya ntee nea ɛrekɔ so ase no fam. Ɛno akyi no, kan a wɔkan obi no gyina tie a otie so. Nokwarem no, wuntumi nhwɛ kwan sɛ abofra ketewaa bi betie nea wɔreka wɔ nhyiam no ase no nyinaa yiye. Nanso, sɛ abofra no kyerɛ sɛ onim nea ɛrekɔ so no, na ɔkyerɛ obu wɔ nea wɔreka no ho a, ɛsɛ sɛ wɔkan no, ɛwom mpo sɛ ebia n’adwene befi so bere ne bere mu de.

Awofo pɛ sɛ wɔboa wɔn mma na wɔkyerɛ anisɔ wɔ bo a nhyiam som no ho. Ɛsɛ sɛ ntetee fi ase wɔ fie denam mmofra no a wɔbɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn ntra ase na wontie nea ɛrekɔ so bere a wɔreyɛ abusua Bible adesua no so. Wɔn a wɔkenkan kyerɛ wɔn mma no ahu aba pa a asow ama mmofra no anya honhom fam nsɛm a wɔde adua wɔn koma mu no ho anisɔ. (Hwɛ August 1, 1988, Ɔwɛn-Aban, kratafa 13, ɔfã 13 no.) Ebinom de nnwuma a mmofra tumi yɛ ama wɔn mma sɛ wɔnyɛ, te sɛ din ahorow bi anaa nsɛm a wɔkae wɔ nhyiam ase anaa nsɛntitiriw bi a ɛyɛ anigye a wobetumi aka ho asɛm akyerɛ abusua no akyiri yi a wɔbɛkyerɛw. Ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ wɔde nneɛma bi a wɔde di agoru, nhoma a mfonini wom, anaa nneɛma a ɛtete saa bɛba nhyiam no ase, a atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma abofra no anya biribi ayɛ.

Ɛsɛ sɛ asomfo a wɔkan nnipa no hwɛ sɛ ebinom wɔ adan a wosiesie wɔn ho wom mu, nhomakorabea, ne mmeae foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akan wɔn a wɔbɛsɔre afi wɔn agua so bere tiaa bi no. Wɔde nyansahyɛ bi ma sɛ ɛsɛ sɛ wɔkan nnipa no wɔ nhyiam no fã a etwa to no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena