Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
January 1 besi April 22, 1996 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ho sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:
1. Ahenni Som Sukuu no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie mmarima ma wɔahyɛ wɔn asomfo. [10, jv kr. 231 nky. 3]
2. Esiane sɛ na Ɔhene Ahas yɛ nsi wɔ nokware som ho nti, anyɛ den amma ne ba Hesekia sɛ ɔbɛsom Yehowa. [14, it-1 kr. 61 nky. 13]
3. Ɛwom sɛ Mose Mmara no twaam de, nanso Bible no mfa adanse biara mma sɛ na Mmara Nsɛm Du no ka nea ɛbaa awiei no ho. [15, rs kr. 348 nky. 2]
4. Gyinabea a yɛpaw wɔ mogya a wɔde ma ho no gyina aduruyɛ mu nimdeɛ a ɛkorɔn a yɛwɔ so. [2, jv kr. 186 nky. 2]
5. Apam a wɔbɔɔ din wɔ Yeremia 31:31, 33 twe adwene si Ahenni apam a Yesu ne n’akyidifo a wɔasra wɔn yɛ no so. [13, si kr. 129 nky. 38]
6. Nnwom anum a ɛyɛ anwensɛm na ɛwɔ Kwadwom nhoma no mu, na wɔahyehyɛ emu anan nnidiso nnidiso sɛnea Hebri Nkyerɛwde no te. [14, si kr. 130 nky. 6]
7. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛe mpɛn pii—nanso n’asuafo anim nkutoo na ɔyɛɛ saa. [1, rs kr. 334 nky. 2]
8. Nokware Kristofo hyɛn Onyankopɔn home mu denam gyidi a wonya wɔ Kristo afɔrebɔ no mu ne wɔn nnwuma a na wɔn ankasa bu no sɛ ɛteɛ a wogyae yɛ no so. (Heb. 4:10) [17, rs p. 350 nky. 1]
9. Asɛm a ɛwɔ nkatomde mu wɔ Adiyisɛm 20:5 (NW), a ɛfa “awufo nkae” a wɔba nkwa mu ho, no fa nguan foforo no asase so wusɔre ho. [6, rs kr. 338 nky. 2-kr. 339 nky. 2]
10. Yehowa Adansefo hu adanse a mfomso biara nni ho sɛ ahyehyɛde a wɔwom no nyɛ nnipa de, na mmom Onyankopɔn de, na Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo, na ɔrekyerɛ no kwan. [11, jv kr. 235 nky. 5]
Bua nsemmisa a edidi so yi:
11. Bere a June 1, 1938, Engiresi Ɔwɛn-Aban kaa “Asafo ti” ho asɛm no, na dɛn na ɛrepɛ akyerɛ? [8, jv kr. 219 nky. 2]
12. Dɛn nti na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany powee sɛ wɔbɛka: “Heil Hitler”? (Mo Hitler) [5, jv kr. 196 nky. 1]
13. Sɛ yɛkenkan Kwadwom nhoma no a, dɛn na yesua fa Yehowa su horow ho? (Kwa. 3:22, 23, 32) [15, si kr. 132 nky. 13, 15]
14. Din bɛn na wɔde di dwuma ma Hesekiel ne Yesu Kristo mpɛn pii? [16, si kr 133 nky. 2]
15. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebegye adi sɛ nea wɔn a wobenyan wɔn aba asase so asetra mu bɛyɛ daakye so na wobegyina abu wɔn atɛn? (Rom. 6:7) [5, rs kr. 338 nky. 1]
16. Ɔkwan bɛn so na Paulo, Timoteo, ne Tito hyɛɛ asafo ahorow a wɔsom wɔn no den, ma enti wɔyɛɛ nhwɛso maa ahwɛfo akwantufo nnɛ? [9, jv kr. 222 nky. 1]
17. Dɛn nti na yebetumi aka ma afata sɛ nsɛm a ɛfa Kristo mmae ho no besisi mfe dodow bi mu? (Mat. 24:37-39) [8, rs kr. 341 nky. 1]
18. Gyidi a Romafo 13:1 nkyerɛase a ɛwɔ King James Version mu ma wonya bɛn na amma Bible Asuafo no ankura afã biara a wonni no mu pintinn wɔ 1918 mu? [3, jv kr. 191 nky. 3, 4]
19. Ansa na wɔde nsa rehyɛ Versailles Apam no ase wɔ June 1919 mu no, dɛn na Kristo Asɔre Nkabom Bagua a Ɛwɔ America kae? [4, jv kr. 192 nky. 3]
20. Dɛn nti na ɛnyɛ nhyɛ sɛ Kristofo bedi dapɛn biara Homeda? (Rom. 10:4) [12, rs kr. 345 nky. 2, 3)
Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:
21. Ná Ebed-Melek yɛ ․․․․․․․․ a wɔbɛkora wɔn so wɔ ․․․․․․․․ no ho mfonini efisɛ wɔne Kristo nuanom ․․․․․․․․ no faa yɔnko na wɔboaa wɔn. [9, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w82 10/1 kr. 27 nky. 11 no.]
22. Wɔkae Yesu Kristo wu no afe biara wɔ ․․․․․․․․ nanso ․․․․․․․․ mu ansa na wɔrehyɛ da ato nsa afrɛ nnipakuw kɛse no mufo sɛ wɔmmra Nkaedi no ase. [17, jv kr. 242 nky. 2, kr. 243 nky. 1]
23. Nsɛm a wɔaka wɔ Yeremia 52:5-11 no sii ․․․․․․․․ A.Y.B. mu. [13, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 4/1 kr. 14 nky. 18 no.]
24. Sɛ Adiyisɛm 1:7 ka sɛ sɛ Kristo san ba a, “aniwa nyinaa behu no” a, ɛnkyerɛ sɛ yɛde yɛn ․․․․․․․․ behu no, na mmom adwene na ․․․․․․․․. [10, rs kr. 343 nky. 2]
25. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, wamfa ․․․․․․․․ koro no ara anyi ne ho adi ankyerɛ bere nyinaa, ebia na ɔrema nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔyɛ ․․․․․․․․ no atra n’asuafo no adwenem ma enti ne nnamfo a na wɔbɛn no yiye mpo ․․․․․․․․ no ntɛm ara. [2, rs kr. 334 nky. 5]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
26. Tumi a Dawid ba (Absalom; Amnon; Amon) antumi anhyɛ ne nna ho akɔnnɔ so no maa ɔtoo n’agya ba Tamar mmonnaa. [6, it-1 kr. 96 nky. 3]
27. Adeyɛ titiriw bi a wɔfaa so hyehyɛɛ asafo no ma ɛne asomafo no de hyiae no sii (1879; 1886; 1895) mu bere a Onua Russell kyerɛw hia a ehia sɛ wɔpaw (daa akwampaefo; mpanyimfo; asomfo ma anuanom) wɔ kuw (asafo) biara mu sɛ wɔnhwɛ nguankuw no so no. [6, jv kr. 206 nky. 2]
28. Mose Mmara a na Mmara Nsɛm Du no ka ho, a ɛbaa awiei no anyi abrabɔ mu anohyeto amfi hɔ, efisɛ wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no (na asafo biara bɛhyehyɛ n’ankasa abrabɔ ho gyinapɛn; na ɛsɛ sɛ ahonim kyerɛ nnipa kwan; wɔsan kaa Mmara Nsɛm Du no mu abrabɔ ho gyinapɛn pii ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu). [16, rs p. 349 nky. 1]
29. Yehowa “daadaa” Yeremia esiane sɛ (Ɔdaadaa no ma ɔkaa afobusɛm; Ɔde no dii dwuma ma ɔyɛɛ nea anka ɔrentumi mfa n’ankasa ahoɔden nyɛ; Wamfa ɔsɛe a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm no amma) nti. (Yer. 20:7, NW) [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW89 5/1 kr. 31 no.]
30. Wɔ April 23, 1900 mu no, wosii Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a edi kan wɔ (Australia; England; Germany). [7, jv kr. 210 nky. 3]
Fa Kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:
Yos. 7:24, 25; Yer. 23:33; 32:9, 10; 1 Tim. 3:2, 3, 8; Heb. 10:23-25
31. Sɛ tebea no ma ɛyɛ den yiye mpo a, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ wɔn nhyiam horow daa. [12, jv kr. 236 nky. 1]
32. Yehowa a wontie no ne bɔne a anibere wom a wɔbɛboapa akata so no betumi de ɔhaw kɛse a asiane wom aba. [11, it-1 kr. 41 nky. 2]
33. Asabow ntumi mma onua bi nnya hokwan ahorow wɔ asafo no mu. [1, jv kr. 182 nky. 3]
34. Ɔsɛe ho asɛm ayɛ Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ nsɛm a emu yɛ duru mu ma, na ɛka Kristoman sɛe a abɛn ho asɛm kyerɛ. [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW94 3/1 kr. 12 nky. 18, 20.]
35. Sɛ wo ne wo mfɛfo Yehowa asomfo de mo ho rebɛhyɛ adwuma bi mu a, nhyehyɛe ho kyerɛwtohɔ a mobɛyɛ no betumi asiw akasakasa a ebetumi asɔre akyiri yi ano. [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW95 5/1 kr. 30.]