“Nea Ɔtew N’anim Ma No Na Onyankopɔn Dɔ No”
1 Yehowa ne Ɔdemafo a ɔsen biara. Ɔno na ɔyɛɛ “soro ne asase ne ɛpo ne asuti.” (Adi. 14:7) Bio nso, “ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa . . . Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.”—Aso. 17:25, 28.
2 Esiane nnyinasosɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 20:35 a ese “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye” no nti, ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa ne “anigye Nyankopɔn” no anaa? (1 Tim. 1:11, NW) Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensua Onyankopɔn.’ (Efe. 5:1) Enti momma yennya ɔma honhom, sɛnea Yesu mpo hyɛ ho nkuran no.—Luka 6:38.
3 Ɔma Honhom a Yebenya: Yebetumi ama wɔ ɔhonam, nkate, ne honhom fam. Yesu Kristo yɛɛ eyi ho nhwɛso. Bere a na ɔkɔm de nkurɔfokuw no, ɔmaa wɔn aduan, na ɔnam saayɛ so mae wɔ honam fam. (Luka 9:13-17) Yesu too nsa frɛɛ wɔn a ‘wɔabrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa’ nyinaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn mmegye ɔhome. (Mat. 11:28) Yiw, ɔmaa n’asuafo no wɔn nkate fam ahiade. Na Yesu yɛ honhom fam ɔdemafo kɛse nso, efisɛ bere a ohuu nkurɔfokuw no sɛ “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Mat. 9:36; Marko 6:34.
4 Bere a yɛresuasua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne ahode foforo ma de boa afoforo. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ awofo nya bere pii ma wɔn mma; ɛsɛ sɛ mmofra de obu a ɛfata ma wɔn awofo. Woahu sɛ onua bi wɔ mo asafo mu a ohia honam fam mmoa? Wubetumi aboa ɔkwan bi so? Ebia na onnya adwuma, anaa ɔrehyia dadwen bi a yɛn mprempren nhyehyɛe yi na ɛde aba. Wubetumi de afotu pa ne Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ ama no anaa? Eyi bɛma onii no anya nkate fam ahotɔ ne honhom fam denhyɛ.
5 Honhom fam no, yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho den sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so agyina pintinn wɔ gyidi no mu. Sɛ nhwɛso no, ɔdawurubɔfo bi a ne mfe akɔ anim, onni ahoɔden, anaa onnim akenkan ne akyerɛw bi wɔ hɔ a ohia mmoa na watumi anya daa asɛm no mu mfaso asiesie ne ho ama nhyiam ahorow? Wubetumi aboa wɔ saa kwan yi so? Afei nso, yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ adesamma wiase no. Nokwarem no, ɔma gu ahorow pii.
6 Ntoboa a Wɔde Boa Ahenni Adwuma: Honam fam ahode a yɛde boa Ahenni adwuma no yɛ hokwan a Yehowa de dom n’asomfo. N’ankasa nhia hwee mfi yɛn hɔ. Yehowa ka sɛ: “Kwae mu mmoa nyinaa wɔ me, mmepɔw apem so mmoa. . . . Wiase ne ne mãyɛ wɔ me.” (Dw. 50:10, 12) Ntoboa a yeyi de boa Ahenni adwuma no yɛ anisɔ a yɛkyerɛ wɔ nea Yehowa gu so reyɛ ma yɛn no nyinaa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa nya Yehowa nhyira wɔ akwan horow so. Saa na na ɛte wɔ Yehowa tete asomfo nso ho.
7 Ɛdefa afe afe nhyiam a na ɛkɔ so wɔ tete Israel ho no, Yehowa de akwankyerɛ yi mae sɛ: “Obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea Awurade wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.” Enti na ɛnsɛ sɛ Israelni biara de “nsapan” kɔ Yehowa anim. (Deut. 16:16, 17) Dɛn na yebetumi asua afi Israel man hɔ wɔ eyi mu?
8 Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete hɔ no de ne honam fam ahode a ɛdɔɔso mae sɛ wɔmfa nsi asɔrefie no. Dɛn na ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so.” (1 Be. 29:3; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) So yɛwɔ atenka a na Dawid wɔ wɔ Yehowa adwuma ho no bi?
9 Dawid gye toom nso sɛ na Yehowa nhia hwee mfi ne hɔ ankasa, efisɛ obisae sɛ: “Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.” (1 Be. 29:14) Enti, ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi boa Onyankopɔn som no yɛ hokwan. Wo ne Dawid yɛ adwene?
10 Israel man no nso yii ntoboa de boaa Israel asɔrefie a edi kan no si. Honhom bɛn na wɔde yii wɔn ntoboa no? Wɔma eyi ho mmuae wɔ 1 Beresosɛm 29:9: “Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mũ nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa Awurade.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
11 Saa ara na ɛnnɛ, komam anisɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yeyi yɛn yam yi ntoboa de boa Ahenni nneɛma. Yɛn koma ba asɛm no mu esiane afotu a ɛwɔ 2 Korintofo 9:7 no nti: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
12 Ntoboa Bi Sua Dodo?: Wɔ Nhoma Adesua ase, Ahenni Asa ahorow so, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam horow ase no, wɔde ntoboa nnaka sisi hɔ ma obiara a ɔpɛ sɛ oyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no. Ebia ebinom bɛte nka sɛ wɔn sika fam ntoboa no yɛ nea “esua dodo.” Yehowa bu ntoboa bi sɛ “esua dodo”? Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo kyerɛ mmɔdenbɔ a esua mpo ho anisɔ kɛse. Awerɛhyem a Yesu de mae no di eyi ho adanse: “Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.” (Mat. 10:42; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ yegyina kyerɛwsɛm yi so a, yɛbɛka sɛ ntoboa bi sua dodo?
13 Kae okunafo hiani no. Bere a ebinom de sika a ɛsõ sen ne de guu tow adaka no mu no, ɔno de “mman abien [a ɛnsom bo koraa, NW]” beguu mu. Yesu hyɛɛ no nsow sɛ ntoboa a afoforo de guu mu no fi “nea wɔwɔ na aboro wɔn so no . . . mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.” (Luka 21:1-4) So na okunafo no ntoboa a “ofi . . . hia mu” yii no sua dodo? Dabi, efisɛ Yesu kamfoo ne ntoboayi no.
14 Sɛnea yɛadi kan aka no, Dawid kae wɔ asɔrefie si ho sɛ “akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so.” (1 Be. 29:3; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Na ɛno yɛ ntoboa a ofi nea wanya ma aboro so mu yii. So na ɛsõ dodo sɛ wobegye? Nea ɛne no bɔ abira no, wɔde ne ntoboa kɛse no dii dwuma wɔ asɔrefie no si ankasa mu na wɔde hyɛɛ asɔrefie akorade no nso ma. (1 Ahe. 7:51) Enti ntoboa biara, sɛ́ ɛsõ anaa esua no, ɛsɔ ani. Bere tenten a ɛno ne nea woasusuw wo komam, bere tenten a ɛyɛ ‘ɔma a animtew wom’ no, Yehowa ani sɔ.
15 Dɛn na Yɛreyɛ?: Nea ɛhyɛ May 1995 Yɛn Ahenni Som mu no daa no adi sɛ, wɔ 1994 ɔsom afe no mu no, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ghana baa dwumadibea no bɔɔ ka sidi ɔpepem 50 ɔsram biara de yɛɛ Ahenni dwumadi ahorow wɔ ɔman yi mu. Ɛdaa no adi sɛ “saa bere no ara mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ntoboa a wonya fii Ghana asafo ahorow ne adawurubɔfo nyinaa hɔ ɔsram biara no si ₵1,206,000.” Sɛ wɔtew fi mu a, na ɛka bɛyɛ sidi ɔpepem 48.8. Wɔde nkuranhyɛ mae sɛ yɛnkyerɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yebeyi ntoboa aboa Yehowa adwuma no ho anisɔ. Dɛn na yɛayɛ? Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ amanneɛ sɛ, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, seesei ntoboa a Ghana adawurubɔfo yi de boa Ahenni adwuma ɔsram biara no si sidi ɔpepem 3.6. Yɛde anigye kamfo mo nyinaa sɛ mufi ahonim pa mu boa ma Ahenni nneɛma kɔ so wɔ saa kwan yi so. Sɛ yɛyɛ ntotoho a, seesei ɛka a Ghana baa dwumadibea no bɔ ɔsram biara wɔ Ahenni nneɛma a emu kɔ so trɛw ho no yɛ sidi ɔpepem 60. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ wɔde ₵1,000 biara di Ahenni nneɛma ho dwuma a, Ghana adawurubɔfo yi ntoboa ₵60. Nokwarem no, eyi kɔ anim sen nea yɛyɛe wɔ afe a etwaam no, a na ntoboa no yɛ ₵24 wɔ ₵1,000 biara a yɛde di dwuma mu no. Nea moayɛ wɔ ho no hyɛ nkuran.
16 Eyi ma yɛkae asɛm bi a wɔkae wɔ August 1879 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 2 wɔ asɛmti: “Wopɛ ‘Zion’s Watch Tower’?” ase no. Wɔde nkyerɛkyerɛmu maa adawurubɔfo no sɛ “mommfa saa nsɛm yi sɛ ɛyɛ sika na yɛresrɛ. Dabi. Yegye di sɛ ‘Zion’s Watch Tower’ wɔ YEHOWA sɛ n’akyigyinafo, na bere a eyi te saa no, ɛremmisa na ɛrensrɛ nnipa sɛ wonnyina n’akyi da. Sɛ Ɔno a ose: ‘Mmepɔw so sika ne dwetɛ nyinaa wɔ me’ no antumi amfa sika a ehia no amma a, yɛbɛte ase sɛ bere adu sɛ yegyae ne tintim.” Saa bere no na “Zion’s Watch Tower” biara a ɛbɛba no 6,000 pɛ na wɔkyekyɛ wɔ wiase nyinaa. Ɛnnɛ, aka kakra sɛ wɔkyekyɛ Ɔwɛn-Aban a ɛba biara 19,000,000. Eyi da ɔpɛ honhom a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ sɛ wobeyi ntoboa de aboa teokrase dwumadi ahorow no adi. Yɛte ase sɛ yehia sika de ayɛ Ahenni adwuma. Yɛyere yɛn ho yɛ yɛn fam de.
17 Nea Ebinom Ayɛ De Aboa: Wɔ ɔman yi mu no, bere a nea ɛhyɛ May 1995 Yɛn Ahenni Som mu no twee yɛn adwene sii sɛnea Ghana baa dwumadibea no sikasɛm te so no, mmofra ne mpanyin bɔɔ ho mmɔden sɛnea yɛaka dedaw no. Krataa bi a Asafo ti nya fii onua kumaa bi hɔ mu nsɛm bi ne sɛ: “Munnye . . . sika a minya fii mango a metewee mu no fã bi mfa nni baa dwumadibea no ho dwuma. Mede fã bi nso bɛboa yɛn Ahenni Asa a yɛrebɛbɔ so no. . . . Meyɛ abarimaa a madi mfe 9. Yehowa Nyankopɔn nhyira adwuma a moreyɛ no na ɔnka nkurɔfo koma ma wɔmfa nneɛma a ɛho hia nni kan sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayi ntoboa aboa adwuma no.” Sika a ɔde mae no yɛ ₵3,500.
18 Sukuufo kuw bi boom kyerɛw krataa bi brɛɛ Asafo ti a ɛkenkan sɛ: “Yɛahu hia a ɛho hia sɛ yɛtrɛw Ahenni asɛm no mu kɔ mmeae a atew ne ho no. Enti sɛ sukuufo no, yekura sika kakraa bi a ɛyɛ ₵3,000 a yɛde rema sɛ momfa mmoa asɛnka adwuma no.” Ankorankoro foforo ne mmusua de ntoboa brɛɛ Asafo ti no tẽẽ anaa wɔnam wɔn asafo ahorow so na ɛyɛɛ saa. Yɛn akwampaefo atitiriw no bi akyerɛ Asafo ti sɛ wonyi sika pɔtee bi mfi sika a wɔde ma wɔn di wɔn ahiade ho dwuma ɔsram biara no mu nkosi bere a wɔbɛka sɛ eye. Ankorankoro bi akyerɛ wɔn sikakorabea sɛ wonyi sika bi mfi wɔn foto mu ngu Asafo ti no foto mu. Ebinom nso kyerɛ wɔn sikakorabea no sɛ enyi saa sika no mfi wɔn sika mu daa kosi bere bi. Sɛ wopɛ sɛ wunya Asafo ti no foto ho nsɛm pii na wode adi atirimpɔw yi ho dwuma a, wubetumi akohu mo asafo mu kyerɛwfo no. Wubetumi ahu akwan foforo a wɔfa so yi ntoboa de boa Asafo ti no wɔ December 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 30 ne 31.
19 Wiase Nyinaa Asasesin no a Emu Retrɛw: Baa dwumadibea afoforo de mfe pii ayi ntoboa de aboa Ahenni adwuma no wɔ Ghana. Sɛnea wunim no, nnansa yi wɔabue asasesin kɛse bi hokwan wɔ kan Soviet Union ne Europa Apuei fam, nsasesin a kan no na wonni Onyankopɔn mu gyidi. Tebea no asesa koraa, na seesei nokware no ho kɔm ne sukɔm de nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ saa nsasesin yi mu. Esiane sɛ saa mmeae yi dodow no ara akɔ ɔhyɛ ase mfe pii nti, ɛkame ayɛ sɛ Ahenni Asa ahorow nni hɔ. Nanso, nnipa pii resen yuu ba ahyehyɛde no mu.
20 Wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ no 1993 mu wɔ Kiev, Ukraine, ase no, wɔbɔɔ nnipa 7,402 asu—dodow a ɛsen biara a wɔabɔ wɔn asu pɛn wɔ Yehowa ahyehyɛde no abakɔsɛm mu, tete ne nnɛ! Saa nsasesin yi hia sika fam mmoa denneennen, titiriw esiane wɔn sikasɛm a ayɛ basaa nti. Enti wɔrehyɛ baa dwumadibea horow nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔmfa wɔn ho nto yɛn wiase nyinaa adwumayɛbea ti no so kɛse nhwehwɛ sika fam mmoa, ɛwom sɛ sɛnea ɛte biara no, wɔrenne wɔn ho korakora wɔ sika fam de. Yɛwɔ ahotoso sɛ mprempren ntoboayi honhom pa no benya nkɔso ma yɛatumi anya sika asi Ahenni Asa pii wɔ ɔman yi mu a ɛho renhia sɛ yɛkɔpɛ sika fam mmoa fi yɛn wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Seesei botae titiriw a esi yɛn ani so ne baa dwumadibea ne Ahenni Asa horow si. Nanso sɛ yenya adawurubɔfo no hɔ mmoa pii ka ho nkutoo a, na yebetumi adu yɛn botae ho.
21 Yɛyɛ Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 48,000 na ɛwɔ ɔman yi mu. Yɛwɔ ahotoso sɛ yebetumi aboa teokrase dwumadi ahorow wɔ sika fam sɛnea ɛfata bere a yɛkɔ so nya ɔma honhom pa na yekura mu no. Mommma “yɛmmmrɛ papayɛ mu.”—Gal. 6:9.
22 Adansi nnwuma akɛse rekɔ so wɔ Brooklyn ankasa ne Ɔwɛn Aban Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York no. Saa dwumadi ahorow yi da nkyɛn a, basabasayɛ akɔ so wɔ asase no afã horow. Nea ɛka afoforo ho no, ɛho ahia sɛ wɔde ahiade kɔ Rwanda ne Bosnia. Wɔ asram a atwam mu no, asiane a efi abɔde nso ahaw yɛn nuanom wɔ nsase horow so, ma ɛho abehia sɛ wɔde ahiade kɔboa. Nea Sodikuw no ayɛ wɔ saa nsɛm yi nyinaa ho no agye sika bebree. Bere a saa nhyehyɛe yi kɔ so bɛn n’awiei no, ɛbɛhwehwɛ sɛ ahyehyɛde no taa boa yɛn nuanom a wɔwɔ ahokyere mu no wɔ sika fam. (Fa toto 1 Yohane 3:17, 18 ho.) Dodow a yebetumi agyina yɛn anan so sɛ baa dwumadibea no, dodow no ara na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wiase nyinaa adwumayɛbea ti no sɛ ebedi n’asɛyɛde ahorow a emu retrɛw wɔ wiase nyinaa no ho dwuma.
23 Nea Wubetumi Ayɛ: Sɛ woyɛ bosome adwuma a, dɛn nti na womfa Ahenni adwuma ho ntoboa a wubeyi no nka sika a wuyi no ɔsram biara no ho? Sɛ woyɛ w’ankasa adwuma a, dɛn nti na wonkae ntoboa adaka no bere biara a wobetua wo ka wɔ nnwuma a woyɛ ho ne mmere foforo? Sɛnea yɛahu dedaw no, sukuu mmofra nso betumi ayi ntoboa. Momma yɛn nyinaa nkyerɛ hokwan a ɛyɛ anigye a yɛwɔ sɛ yebeyi sika fam ntoboa de aboa Ahenni adwuma no wɔ yɛn asasesin yi mu no ho anisɔ.—Mmeb. 11:25.
24 Bere a yɛde nea yɛwɔ nyinaa som Yehowa seesei ansa na Harmagedon aba no, wɔ nhyehyɛe foforo mu no, yebetumi abu kɔmpɔ ahwɛ yɛn akyi, a yɛwɔ akomatɔyam sɛ yɛde yɛn honam fam ahode yii Yehowa ayɛ bere a ɔmaa yɛn hokwan sɛ yɛnyɛ saa no mu. Ɛmmra sɛ yebenya anigye a efi ɔma mu ba no.—Heb. 13:16; Aso. 20:35; 2 Kor. 9:7.