Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/96 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1996
Yɛn Ahenni Som—1996
km 8/96 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

May 6 besi August 19, 1996 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Sɛ́ yetumi ma pii anaa kakraa bi no, ɛyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm hyia sɛ yebefi koma nyinaa mu asrɛ hokwan a yɛde bɛboa yɛn nuanom Kristofo anokwafo a wɔkɔ ahokyere mu no. (2 Kor. 8:1-4) [16, jv kr. 314 nky. 1]

2. ‘Gog a ofi Magog’ yɛ wiase yi nniso ahorow ho sɛnkyerɛnne. (Hes. 38:2) [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW91 8/15 kr. 27 nky. 2.]

3. Sɛnea na Ohola yɛ Oholiba nuabea panyin, a wɔaka ho asɛm wɔ Hesekiel ti 23 no, saa ara na Roma Katoleksom no yɛ Protestantsom no nuabea panyin, na ahyehyɛde abien no nyinaa nam honhom fam aguaman a wɔne wiase aguadifo ne amammuifo abɔ so agu wɔn ho fi. [6, Dapɛn Biara Bible Akenkan; hwɛ w-TW89 4/1 30.]

4. Yehowa Adansefo dodow anya nkɔanim akodu baabi a ɛboro nnipa dodow a wɔwɔ aman pii mu so. [7, jv kr. 278 nky. 3]

5. Kornelio ne Amanaman muni a odii kan bɛyɛɛ Kristoni. [11, it-1 kr. 513 nky. 3, 4]

6. Yakobo 4:17 ne Hesekiel 33:7-9 hyia, na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ ho nimdeɛ a yɛwɔ na ɛma yɛwɔ asodi wɔ n’anim. [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW93 4/1 kr. 7 nky. 1.]

7. Daniel daa ne ho adi sɛ ɔyɛ nokware diyifo denam ohoni ho dae a ɔkyerɛɛ ase bere a Ɔhene Nebukadnesar kaa ho asɛm kyerɛɛ no akyi no so. [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ Daniel 2:7-9, 26.]

8. Nsu a efi asɔredan mu a wohu wɔ anisoadehu mu a wɔka ho asɛm wɔ Hesekiel 47:1 no gyina hɔ ma tumi a asubɔ wɔ a etumi ma obi ho tew. [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW88 11/1 kr. 25 nky. 20.]

9. Bileam nhwɛso no yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔn tirim yɛ den na wɔkɔ so bu wɔn ani gu Onyankopɔn apɛde so na wotiw pɛsɛmenkominya mfaso nyinaa no. (Yuda 11) [3, it-1 kr. 244 nky. 4]

10. Odiyifo Yeremia kyerɛwfo nokwafo a wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛkora no so wɔ Yerusalem ntua ne ne sɛe mu ne Ebed-Melek. [5, it-1 kr. 259 nky. 5]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Akwan bɛn so na Charles Taze Russell kyerɛe sɛ otiee Yesu nsɛm a ɛfa Ahenni no a obi bɛhwehwɛ kan ho no? (Mat. 6:33) [8, jv kr. 284 nky. 1]

12. Dɛn ho adanse na Yehowa Adansefo nhyiam horow no de ma a akyinnye biara nni ho? [3, jv kr. 254 nky. 2, 3]

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no yɛ wɔn ade te sɛ Hesekiel? (Hes. 11:25) [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW88 11/1 kr. 14 nky. 3.]

14. Dɛn nti na efi 1938 no, wogyaee nhyiam a na wɔhyɛ da yɛ ma mmofra wɔ asafo no mu yɛ? [1, jv kr. 246 nky. 1]

15. Akwan bɛn so na Ɔhemmaa Atalia suasuaa ne maame, Isebel? [2, it-1 kr. 209 nky. 3]

16. Onyankopɔn din, Yehowa no ase ne dɛn? [13, kl kr. 25 nky. 7]

17. Sɛ nokware Kristoni bi kɔ ahokyere mu a, henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔde honam fam mmoa ma no, na Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na wo mmuae no gyina so? [12, jv kr. 305 nky. 1]

18. Hena na osii Naomi ananmu wɔ okunu nuabarima aware mu waree Boas? [8, it-1 kr. 347 nky. 8]

19. Odiyifo bɛn na ɔkaa asase ho asɛm sɛ ɛyɛ “kontonkron,” na ɛhe na wɔakyerɛw eyi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? [8, kl kr. 17 nky. 14]

20. Dɛn na Ahenni no a obi bɛhwehwɛ no kan no kyerɛ? [10, jv kr. 295 nky. 1]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Bere a Hesekiel 21:26 renya mmamu no, ‘wɔbrɛɛ’ ․․․․․․․․ ahemman a ‘ama so no ase’ denam sɛe a wɔsɛee no ․․․․․․․․ mu no so, na ‘wɔmaa’ ․․․․․․․․ ahenni a na “abrɛ ase” no so, na ɛma wodii asase no so a Onyankopɔn ․․․․․․․․ biara amfa ne ho annyigye mu. [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w-TW88 11/1 kr. 17 nky. 16.]

22. ․․․․․․․․ nhoma no fã bi yɛ ․․․․․․․․ ankasa a wodii kan kyerɛwee, a ɛtwe adwene si tumi a atumfoɔ a wɔkorɔn no bɛpere ho wɔ mfehaha no nyinaa mu so. [15, si kr. 138 nky. 1]

23. Wɔkyerɛw asɛm “m’akoa Dawid” a ɛwɔ Hesekiel 34:23 no wɔ ․․․․․․․․ wu akyi bere tenten; ɛyɛ nkɔmhyɛsɛm a ɛtwe adwene si ․․․․․․․․. [14, si kr. 137 nky. 31]

24. Wɔ January 1946 ne August 1948 ntam no, Yehowa nkurɔfo maa Adansefo a anyɛ yiye koraa na wɔte aman 18 a ․․․․․․․․ kaa wɔn mu no ․․․․․․․․ ne ․․․․․․․․. [13, jv kr. 308 nky. 3, 4]

25. Yeduu honhom fam onyin botae titiriw ho wɔ 1931 mu bere a yɛfaa edin ․․․․․․․․ no, wɔ 1935 mu bere a yehuu ․․․․․․․․ no, wɔ 1950 mu bere a woyii ․․․․․․․․ adi no, ne 1962 mu bere a wɔteɛteɛɛ yɛn adwene wɔ ․․․․․․․․ ho no. [4, jv kr. 260 nky. 3–kr. 264 nky. 2]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. (Abigail; Dorka; Dina) suahu no kyerɛkyerɛ nokware a nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no yɛ mu. [16, it-1 kr. 627 nky. 3]

27. Kores dii (Yerusalem; Babilon; Niniwe) kurow no so nkonim denam Asubɔnten (Tigris; Yordan; Eufrate) nsu a ɔdan ani sɛnea ɛbɛyɛ a n’asraafo no betumi akɔ kurow no mu no so. [12, it-1 kr. 567 nky. 1]

28. Edin a wɔde too no ne Yosef, nanso esiane ne koma pa ne n’ayamye nti, wɔbɛfrɛɛ no (Andrea; Barnaba; Bartolomeo), a ase ne “(Awerɛhow; Anigye; Awerɛkyekye) Ba.” [4, it-1 kr. 257 nky. 3, 4]

29. (Hesekiel; Daniel; Yesaia) nkutoo na ɔbɔ Belsasar, a ɔyɛ (Kores; Nabonido; Nebukadnesar) abakan, no din wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu, na fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma kyerɛ sɛ abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ no yɛ nokware. [7, it-1 kr. 282 nky. 11]

30. (Daniel ne Hosea; Yoel ne Amos; Yesaia ne Yeremia) hyɛɛ Babilon asehwe ho nkɔm. [9, kl kr. 18 nky. 17]

Fa Kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

2 Be. 14:2-5; Dw. 78:40, 41; Yes. 55:10, 11; Dan. 1:8, 11-13; 1 Kor. 9:16

31. Bere a Ɔwɛn-Aban bi a ɛbae 1949 mu resi hia a asɛnka adwuma no ho hia so dua no, ɛkae sɛ: “Yehowa ayɛ asɛnka no adwuma a ɛho hia sen biara a yɛn mu biara betumi ayɛ wɔ wiase yi mu.” [1 Kor. 9:16] [9, jv kr. 292 nky. 4]

32. Ɛnsɛ sɛ Kristofo mmofra twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobefi obu mu aka akyerɛ atumfoɔ ne wɔn mfɛfo sukuufo sɛ wɔrensɛe wɔn ahonim pa. [Dan. 1:8, 11-13] [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w92-TW 11/1 kr. 14 nky. 17.]

33. Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne asase bɛbam. [Yes. 55:10, 11] [2, kl kr. 9 nky. 10]

34. Yehowa asomfo anokwafo de akokoduru kasa tia ɔwae, na wɔde nsi yɛ adwuma de ma nokware som nya nkɔso. [2 Be. 14:2-5] [1, it-1 kr. 183 nky. 11, 12]

35. Onyankopɔn wɔ nkate, na nea yɛpaw no ka no. [Dw. 78:40, 41] [6, kl kr. 14 nky. 8]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena