Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na yɛde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ama. June: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua ahorow ase a wubefi so. July ne August: Nhomawa ahorow a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ no Awu.
◼ Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra, foforo ne nea asa a wɔresan akra nyinaa, a wɔn ankasa de a wɔkra ka ho, fa asafo no so.
◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔma ho nkaebɔ ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma no abrɛ Asafo ti no ɔsram biara, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma ahorow no betumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Mma wo werɛ mmfi nhoma ahorow a yɛkra ma ankorankoro no.
◼ Yɛrekae mo sɛ ɛnsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ Bible mu nsɛmmisa a ɛfa nneɛma ahorow ho, anaasɛ wohia afotu bi a wɔde bedi ɔhaw ahorow ho dwuma no ankasa kɔ Asafo ti, wɔfrɛ wɔ telefon so, anaasɛ wɔkyerɛw krataa tee kɔhwehwɛ mmuae. Yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu wɔ Asafo no nhoma ahorow mu, na wɔmfa Watch Tower Publications Index no nni dwuma. Emu biara kura kyerɛw nsɛm ne nsɛmpɔw a wɔahyehyɛ pii a mfaso wɔ so. Afei nso, mpanyimfo ne anuanom foforo a wɔne wɔn besusuw ho wɔ Ahenni Asa so no betumi aboa. Sɛ wɔyɛ eyi na wɔannya nkyerɛkyerɛmu anaa afotu a wohia a, ɛnde wobetumi de asɛm no akɔ baa dwumadibea denam krataa a wɔbɛkyerɛw akyerɛkyerɛ asɛm no nyinaa mu so. Mpanyimfo no betumi aboa ma wɔakyerɛw eyi.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, January 1993, kratafa 5; September 1983, kratafa 4.
◼ Nnipa 138,365 na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam wɔ ɔman yi mu nyinaa, na nnipa 2,719 na wɔbɔɔ wɔn asu.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Watch Tower Publications Index 1986-1995.—Engiresi
Survival Into a New Earth.—Ewe
Survival Into a New Earth.—Ga
◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:
Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn; Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (ketewa).—Engiresi
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (ketewa).—Twi