Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Yɛbɛtoa Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ so. Asafo ahorow a wobewie wɔn asasesin mu adwuma denam ofie anaa atrae biara mufo a wɔbɛto wɔn ama wɔn Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no bi so no betumi de Nimdeɛ nhoma no ama. December: New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba, a ebia mo asafo no wɔ. Asafo horow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama. February: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
◼ Sɛ yewie ɔsatu titiriw no November 16 a, asafo ahorow a wɔda so ara wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no bi no betumi ahyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa mma te sɛ nea wɔde nkratawa ma no ara, wɔ afie afie anaasɛ mmeae foforo. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kyekyɛ saa asɛm a ɛsom bo yi nkae nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔde osuahu ahorow a ɛyɛ anigye ho amanneɛbɔ fa mpanyimfo no so mena baa dwumadibea ntɛm.
◼ Yɛrekae obiara sɛ, te sɛ kratawa foforo biara no, yɛrenyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 dodow a yɛde bɛma no ho kyerɛwtohɔ wɔ “Field Service Report” (S-4) krataa no so.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Survival Into a New Earth—Twi
◼ Nhoma Horow a Ebi Aba Bio:
Insight on the Scriptures; Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase so Daa!; Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Engiresi
◼ Kasɛt Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba—Engiresi