Ka Yehowa Ho Asɛm Da Biara
1 Nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbɛka biribiara a ɛda wɔn koma so ho asɛm, efisɛ nea ayɛ koma ma aboro so na ano ka. (Luka 6:45b) Dɛn na ɛda yɛn koma so? Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Me tɛkrɛma bɛka wo trenee ne w’ayeyi daa nyinaa.” (Dw. 35:28) Onyaa komam anisɔ a emu yɛ den maa Yehowa, na obuu no sɛ hokwan kɛse sɛ ɔbɛka Onyankopɔn ho asɛm ayi no ayɛ daa. Esiane sɛ na odwontofo no nim Yehowa yiye nti, na ɔwɔ nneɛma pii a obedi ho ahurusi. (Dw. 35:9) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua ne nhwɛso pa no?
2 Ka Yehowa Ho Asɛm Wɔ Wo Fie: Ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ asɛmti a yɛbɔ ho nkɔmmɔ daa wɔ abusua mu. Ɛda adi sɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa no bɛka ne ho asɛm wɔ wɔn dwumadi ahorow nyinaa mu. (Deut. 6:5-7) Sɛ wɔyɛ saa a, mmofra no behu sɛ wɔn agya ne wɔn nã tra ase ma ɛne wɔn gyidi hyia, na wobu Onyankopɔn mmara. Afei mmofra no bebu abusua Bible adesua no sɛ ɔkwampa a wɔn awofo nam so da onyamesom pa ahofama adi.—2 Pet. 3:11.
3 Wo ne Wo Nuanom Nka Yehowa Ho Asɛm: Wɔ yɛn dapɛn dapɛn teokrase dwumadi mu no, yenya hokwan pii de honhom fam nnuan hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu. Ɛremma da sɛ yɛrennya nneɛma pa a yɛbɛka ho asɛm. (Luka 6:45a) So wowɔ asɛm bi a wunya fii wo kokoam adesua anaasɛ dapɛn dapɛn Bible akenkan mu a w’ani gyee ho titiriw? Ka ho asɛm kyerɛ wo nuanom, na wonam so aboa wɔn ma wɔanya ɔdɔ kɛse ama Yehowa.—Dw. 35:18; Heb. 10:24.
4 Ka Yehowa Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo: Wɔ yɛne nkurɔfo nsɛnnii mu da biara—wɔ adwumam, sukuu mu, ne abusuafo a wonnye nni mu—no, ɛsɛ sɛ ɛda adi ntɛm ara sɛ yɛn asetra mu ade titiriw ne sɛ yebedi Yehowa ho adanse. Sɛ́ anka yɛbɛma wiase mu kasafĩ a ɛnkyerɛ obu agu yɛn ho fĩ no, ɛsɛ sɛ yɛn kasa hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Fa hokwan biara a wubenya no ka asɛmpa a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnka no ho asɛm kyerɛ afoforo daa.—Aso. 5:42; Kol. 4:6.
5 Sɛ́ Yehowa nokware asomfo no, ɛmmra sɛ yɛde hokwan biara bɛka yɛn Nyankopɔn, Yehowa, a obiara ne no nsɛ no ho asɛm daa.—Dw. 106:47.