Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/98 kr. 7
  • Nhyiam Asa Ho Ahiade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Asa Ho Ahiade
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 7/98 kr. 7

Nhyiam Asa Ho Ahiade

Odwontofo no ani gyee kɛse bere a wosee no sɛ ɔne Onyankopɔn asomfo nkɔsom no. (Dw. 84:11, 12) Saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso wɔ obu kɛse a ɛte saa ma beae a wɔsom no. Yehu eyi wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya Ahenni Asa ahorow de ayɛ nhyiam nketewa ne Nhyiam Asa de ayɛ nhyiam akɛse no mu.

Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ amansin pii reyɛ ade wɔ nkuranhyɛ a wɔde ama sɛ wɔmpɛ nsase a ɛsosõ mma nhyiam ahorow wɔ mmeae a wonnya baabi pa nnye ntua ho ka anaasɛ baabi a mmeae yi ho ka mma wontumi ntɔ no ho. Eyi hyɛ nkuran.

Bere a yɛrehu nyansa a ɛwom sɛ yebenya nsase a ɛbɛn anuanom a yɛbɛyɛ so nhyiam daa no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu sika a yɛde besisi Nhyiam Asa ahorow wɔ saa nsase yi so no so. Bere a yebu sika a yɛde besisi ho akontaa no, yɛhu sɛ ɛrenyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yebesisi Nhyiam Asa wɔ ɔmansin biara mu, esiane sɛ anuanom nni sika a yebetumi de ayɛ saa nti.—Luka 14:28.

Esiane nea yɛaka wɔ atifi hɔ no nti, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so na nyansa wom kɛse sɛ amansin pii bɛbom asi Nhyiam Asa biako a saa amansin no nyinaa bɛkɔ hɔ nhyiam. Nokwarem no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛde nyansahyɛ a ɛwɔ atifi hɔ no bedi dwuma wɔ baabiara. Amansin bi sõsõ araa ma wɔyɛ nhyiam A ne B. Ntease wom sɛ ebia amansin a ɛte saa no ntumi nkɔka amansin foforo ho. Nanso, adwene no ne sɛ yɛde sika ne nneɛma kakra a yɛwɔ no bedi dwuma nyansam sɛnea yebetumi, na bere koro no ara yɛasisi Nhyiam Asa ahorow ntɛmntɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena