Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/98 kr. 8
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔhwɛfo Guamtrani

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔhwɛfo Guamtrani
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • ‘Momfa Obu Mma Wɔn A Wɔyɛ Adwumaden Wɔ Mo Mu No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ No Ho Mfaso Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1998
km 8/98 kr. 8

Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔhwɛfo Guamtrani

1 Sɛ́ obi bɛsom sɛ ɔhwɛfo wɔ asafo mu no yɛ asɛyɛde a anibere wom. (Aso. 20:28; 1 Tim. 3:1) Eyi yɛ nsɛm a ɛtoatoa so a ɛbɛka Kristofo mpanyimfo dwumadi ahorow ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa betumi akyerɛ adwuma titiriw a wɔyɛ wɔ yɛn ho no ho anisɔ no mu nea edi kan.

2 Asafo ti no paw ɔhwɛfo guamtrani sɛ ɔnsom daa. Bere a ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ nsɛm di ho dwuma no, eyi boa mpanyimfo no ma wɔn ani ku wɔn asɛyɛde ahorow ho yiye. (Yɛn Som Adwuma, kr. 42) Dɛn na eyi hwehwɛ?

3 Ɔhwɛfo guamtrani no so na nkrataa a wɔde kɔma asafo no si, na ɔde ma ɔkyerɛwfo no ntɛm ara ma odi ho dwuma. Sɛ ɔhwɛfo guamtrani reyɛ nsiesiei ama mpanyimfo nhyiam a, ogye nyansahyɛ ahorow fi mpanyimfo no hɔ fa nsɛm a ehia sɛ wosusuw ho no ho, na ɔboaboa nsɛntitiriw a wobesusuw ho no ano. Ɔsan som sɛ guamtrani wɔ mpanyimfo nhyiam ase. Sɛ wosi gyinae bi a, ɔhwɛ hu sɛ wɔadi ho dwuma ɔkwampa so. Ɔhwɛ hyehyɛ Ɔsom Nhyiam dwumadi yɛ nsiesiei ma baguam ɔkasa ahorow. Ɔno na ɔhwɛ ma wɔyɛ nkaebɔ biara wɔ asafo no mu, ɔhwɛ ma wotuatua asafo no ho ka nketenkete, na ɔhwɛ hu sɛ wɔbɛhwehwɛ asafo no sikasɛm mu asram abiɛsa biara.

4 Sɛ́ guamtrani no, ɔhwɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no dwumadi so. Sɛ Bible suani bi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu anaasɛ sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu pɛ sɛ ogye asubɔ a, ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo hyia no. Ɔhwɛfo guamtrani no nso di anim wɔ nsiesiei a wɔyɛ ma ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no betumi anya dapɛn titiriw a dwumadi wom no mu mfaso akosi ase.

5 Ɔhwɛfo guamtrani no asɛyɛde dɔɔso na egu ahorow. Bere a ofi ahobrɛase mu di n’asɛyɛde ahorow ho dwuma na ‘ɔbɔ ho mmɔden’ no, yɛn nyinaa betumi ayɛ yɛn fam de denam mpanyimfo no a yɛne wɔn bɛyɛ biako no so. (Rom. 12:8) Sɛ ‘yetie’ yɛn mpanyimfo no ‘brɛ yɛn ho ase’ ma wɔn a, wobetumi de anigye kɛse ayɛ wɔn adwuma no.—Heb. 13:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena