August Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase August 3
Dwom 216
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no April asɛnka dwumadi ho asɛm, na ka adawurubɔfo dodow foforo a ɛsen biara ho asɛm.
15 min: “So August Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?” Nsɛmmisa ne mmuae. Hyɛ obiara nkuran ma onnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ August ne ɔsom afe foforo no mu ɔsram biara mu.
20 min: “Fa Nhomawa Kanyan Adwene ne Koma Nyinaa.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka nhomawa ahorow a wɔatintim no mfe a abɛsen kɔ mu ma aka Kyerɛwnsɛm mu nsɛntitiriw ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no ho asɛm tiawa. (Hwɛ Watch Tower Publications Index 1986-1995, nkratafa 652-3.) Ka nhomawa a aba nnansa yi ho asɛm, na munsusuw nnipa pɔtee a wɔn ani begye ho sɛ wɔn nsa bɛka emu biara ho. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien, na ka Bible adesua nhyehyɛe ho asɛm.
Dwom 191 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 10
Dwom 127
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka botae a ɛne sɛ adawurubɔfo nyinaa benya asɛnka adwuma mu kyɛfa wɔ August mu ho asɛm.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Mmofra—Momfa Mo Sukuukɔ Mu Hokwan Nni Dwuma.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa April 8, 1992, Engiresi Nyan! no nkratafa 17-19, ne July 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 23-6 mu nsɛm ka ho.
Dwom 37 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 17
Dwom 163
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma atiefo nka nsɛm ntiantiaa mfa nkyerɛ sɛnea wogye obi a wɔadi no adanse wɔ abɔnten so, agodibea, anaa baabi foforo, din ne n’address sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ akɔyɛ sankɔhwɛ.
35 min: “Sɛnea Wɔama Asuafoyɛ Adwuma a Egye Ntɛmpɛ no Renya Nkɔso.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 5, 10, ne 11. Ka sɛnea Bible adesua dwumadi no renya nkɔanim wɔ mo hɔnom. Hyɛ wɔn a wɔyɛ Bible adesua nyinaa nkuran ma wɔnkenkan krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wobetu mpɔn wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu. Munsusuw saa krataa no nkyekyem 5 ne 25 ho.
Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 24
Dwom 213
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Munsusuw adaka a wɔato din “Mpem Aduonum Awotwe!” a ɛwɔ July 1998 Yɛn Ahenni Som mu no ho. Bere a aka dapɛn biako pɛ na August aba awiei no, hyɛ obiara nkuran ma onnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa ansa na ɔsram no akɔ awiei. “Yɛ Ɔdawurubɔfo a N’ani Kũ Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Ho.” Nsɛmmisa ne mmuae.
15 min: Sɛnea Wɔkɔ So Gyina Akwampae Adwuma no Mu. Ɔkasa a egyina September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-31 so. Bisabisa ɔkwampaefo bi a wasua sɛnea wogyina ɔhaw a emu yɛ den ano na wakɔ so ayɛ akwampae adwuma no nsɛm.
15 min: Fa Yɛn Ahenni Som Di Dwuma Ɔkwampa So. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a wode nnansa yi nhwɛso ahorow redi dwuma no, kyerɛkyerɛ nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu ne mfaso a yenya fi mu no mu: (1) nsɛm a ɛhyɛ yɛn nkuran ma yenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa; (2) osuahu ahorow a ɛhyɛ yɛn nkuran wɔ yɛn som kronn no mu; (3) nyansahyɛ ahorow a ɛboa yɛn ma yɛka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so; (4) nhoma foforo a ebi wɔ hɔ a mfaso wɔ so ma yɛn asasesin no ho amanneɛbɔ; (5) ɔsom adwuma ho amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛnea Ahenni adwuma no renya nkɔanim; (6) Teokrase Nsɛmmansɛmma a ɛde nkɔanim a wiase nyinaa adwuma no renya ho amanneɛbɔ ma; (7) nkaebɔ ahorow ne nhyehyɛe a ɛka nsɛm a ɛrebesisi ho asɛm kyerɛ yɛn yiye; (8) Nsɛmmisa Afã ahorow a ebua nsɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so; ne (9) nkrataa a ɛhyehyɛ Yɛn Ahenni Som mu a ɛka ɔmantam nhyiam ahorow, ɔsatu atitiriw, ne nsɛm foforo a ɛma yehu yɛn honhom fam ahiade ho nsɛm kyerɛ yɛn. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkenkan nea ɛba biara, mfa emu nyansahyɛ ahorow nni dwuma, mfa mmra Ɔsom Nhyiam Horow ne asɛnka nhyiam ahorow ase, na ɔnkora so wɔ ne nhomakorabea na ɔde adi dwuma daakye.
Dwom 210 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 31
Dwom 65
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn August asɛnka adwuma ho akontaabu mmra. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo hwɛ ma wɔn kuw muni biara de ne de ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abu ho akontaa September 6. Munsusuw nhoma a yɛde bɛma September mu ho. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛma asɛmmisa, “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma?” sɔre ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Fa Nimdeɛ nhoma no ti 3, nkyekyem 6 no di dwuma fa bua. Ka asɛnka nhyehyɛe a moayɛ ama dapɛn no ho asɛm.
15 min: “Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔhwɛfo Guamtrani.” Ɔkasa a ɔhwɛfo guamtrani ma. Bere a waka ne dwumadi ahorow ho asɛm awie no, ɔda anisɔ adi wɔ biako a asafo no ne mpanyimfo no ayɛ bere a wɔyɛ wɔn hwɛ adwuma no ho.
18 min: Boa Wo Ba Ma Onnyina Sukuu Mu Haw Ahorow Ano. Ɔpanyin ne awofo baanu anaa baasa a wɔn mma kɔ sukuu bɔ nkɔmmɔ. Ka ɔhaw a mmofra taa hyia ho asɛm tiawa sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ August 8, 1994, Engiresi Nyan!, nkratafa 5-7 no. Afei bere a wotwe adwene si nkratafa 8-10 so no, ka sɛnea awofo betumi abɔ wɔn mma ho ban, na awofo no ne akyerɛkyerɛfo anya abusuabɔ pa ho asɛm.
Dwom 24 ne mpaebɔ a wɔde wie.