Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/98 kr. 2
  • October Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 10/98 kr. 2

October Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase October 5

Dwom 8

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

15 min: “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yefi Asafo Nhyiam Ahorow Ase Bere Ano na Yewie Bere Ano?” Nsɛmmisa ne mmuae.

20 min: “‘Ahenni Aba no Gu’ Denam Nkurɔfo a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa So.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma ebinom nkyerɛkyerɛ sɛnea wofii nsɛmma nhoma a wɔde ma obi daa ase, na wɔahwɛ ma akɔ so mu. Afei yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ne nhyehyɛe a wɔyɛ sɛ wɔde nea ɛbɛba bio bɛkɔ akɔma ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea wobetumi aka nsɛmma nhoma kra ho nhyehyɛe ho asɛm. Ka sɛnea ehia sɛ adawurubɔfo nyinaa gye nsɛmma nhoma dodow pɔtee bi, na ama wɔanya dodow a ɛbɛso wɔn.

Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 12

Dwom 42

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

10 min: “Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔkyerɛwfo.” Ɔkasa a asafo mu ɔkyerɛwfo ma, de kyerɛkyerɛ ne dwumadi ahorow mu. Osi so dua sɛ obiara betumi aboa denam n’asɛnka akontaabu a ɔde bɛba ntɛm so.

10 min: Wɔwɔ Akwampae Honhom a Ɛyɛ Anigye. Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a egyina 1998 Yearbook, nkratafa 104-7 so. Kyerɛkyerɛ nea enti a akwampaefo pii wɔ Japan, ne nea ɛma mmea awarefo de honhom fam nneɛma di kan, nea ɛma wɔde wɔn ho hyɛ akwampae adwuma mu, na wɔne wɔn a wɔdɔɔso wɔ akwampae adwuma no mu, no mu. Ma nkɛntɛso pa a awofo a wɔreyɛ akwampae adwuma nya wɔ wɔn mmusua so ho nhwɛso. Si nea ɛma obi tumi yɛ nsakrae wɔ n’asetra mu na ɔyɛ akwampae adwuma no so dua. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnsan nsusuw akwampae adwuma a ɔbɛyɛ no ho anibere so.

20 min: “So Wokenkan Nsɛmma Nhoma No?” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka nyansahyɛ ahorow a wogyina so yɛ ankorankoro akenkan ho nhyehyɛe a ɛwɔ School Guidebook, adesua a ɛto so 4, nkratafa 5-6 no ho asɛm.

Dwom 107 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 19

Dwom 16

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛntitiriw. Ka 1997 Yearbook, kratafa 45, ne October 22, 1996, Engiresi Nyan!, kratafa 32 mu osuahu ahorow ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran ma onnya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa dapɛn yi awiei.

15 min: Asafo mu ahiade ahorow anaa ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm “Dɛn Nti na Obiara Reware Gya Me?” a ɛwɔ November 8, 1995 Nyan! nkratafa 24-26 so.

20 min: Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Ama Ɔwɛn-Aban Adesua. Atiefo nkɔmmɔbɔ a Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo di ho dwuma a egyina October 1, 1986, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 28-29, nkyekyem 16-18 ne School Guidebook, adesua a ɛto so 7, nkyekyem 11, ne adesua a ɛto so 18, nkyekyem 4-6 so. Ma wɔmma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: (1) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya Ɔwɛn-Aban a ɛba biara mu mfaso pii? (2) Sɛ yɛn nsa ka nea aba foforo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (3) Dɛn ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so siesie yɛn ho ma Ɔwɛn-Aban Adesua? (4) Ɛsɛ sɛ yedi kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so ho dwuma dɛn? (5) Yɛbɛyɛ dɛn atumi atĩ nea yɛasua no mu? (6) Nsɛntitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛdwennwene ho bere a yɛn ankasa asua awie no? (7) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesiesie mmuae a yɛbɛma no? (8) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama asɛmmisa biako ho mmuae wɔ akwan horow so? Ma ebinom nka nea wɔn ankasa ayɛ na aboa wɔn ma wɔanya Ɔwɛn-Aban Adesua so mfaso pii.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, nkratafa 65-7 nso.

Dwom 95 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 26

Dwom 98

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kyerɛ nhoma dedaw a mo asafo no wɔ a sɛ hokwan ba a mubetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu. Esiane sɛ wɔrebɛma kwan wɔ November ne December mu nti, eyi bɛyɛ bere pa ama mmofra ne afoforo a wɔabɔ asu sɛ wobesusuw akwampaefo boafo adwuma no ho.

20 min: Osetie Ma Onyankopɔn Wɔ Abusua a Obiara Wɔ Ne Som Mu. Ɔkasa a egyina June 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-9 so. Fi ayamye mu fa nkuranhyɛ ne afotu a ɛbɛboa wɔn a wɔn ahokafo nyɛ gyidifo ma wɔakɔ so anya adwempa na wɔayɛ nnam wɔ asafo no mu ma.

15 min: Asafo Nhyiam Horow Ase a Yebedu Wɔ Bere Ano. Nkɔmmɔ a Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo anaa asafo mu asomfo baanu anaa baasa bɔ fa akyi a wɔka wɔ asafo nhyiam ahorow ase ho. Wogye tom sɛ tebea horow a ɛyɛ soronko te sɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm, wim tebea, kar ho nsɛm, ne nea ɛkeka ho, betumi ama obiara aka akyi. Nanso, ebinom ka akyi daa. Kuw no bɔ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wadu hɔ bere ano ho nkɔmmɔ, kyerɛkyerɛ nneɛma mu, wɔ ɔkwampa so: (1) koma nyinaa mu a yebefi akyerɛ asafo nhyiam ahorow ne honhom fam aduan ne fekubɔ a yenya wɔ hɔ no ho anisɔ, (2) nhyehyɛe pa a yebedi kan ayɛ ne asetram nhyehyɛe pa a yɛn ankasa bɛyɛ, (3) boa a abusuafo befi wɔn pɛ mu aboa wɔn ho wɔn ho, (4) fi a yebefi fie ntɛm na yɛagyaw bere ama nsɛnnennen a yɛnhwɛ kwan a ebetumi asisi, ne (5) atiefo afoforo a yɛmpɛ sɛ yɛtwetwe wɔn adwene a yɛbɛma ayɛ yɛn ahiasɛm ankasa. Wɔn nyinaa gye tom sɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso a, yebetumi adi saa haw yi so.

Dwom 86 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena