Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/98 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 10/98 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! November: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation Bible no. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no ama.

◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Theocratic Ministry School Schedule for 1999,” na ɛsɛ sɛ wɔkora so na wɔde adi dwuma 1999 nyinaa.

◼ Ebia asafo ahorow bi nhyiam bere bɛsesa January 1. Yɛrekae asafo ahorow a wohyiam wɔ Ahenni Asa koro so no mu ɔsom boayikuw ahorow sɛ wonhyiam wɔ October anaa November mu nsusuw nsɛm a ɛfa nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ nhyiam bere ho no ho sɛnea yɛn krataa a yɛkyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa wɔ October 7, 1994, mu kyerɛe no.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wonnya mfaa wɔn “1999 Special Annual Literature Order Form (S-14 Special)” no mmenae no yɛ saa mprempren. Yɛsrɛ mo monkae sɛ, sɛ moamfa krataa soronko a wɔde kra nneɛma yi ammena ntɛm a, mo asafo no nsa renka Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1999 ne nneɛma foforo a wɔkra no afe afe ma wɔn a wohia bi nkutoo no.

◼ Asafo ti no anya no ntee sɛ asafo ahorow bi kyerɛw ankorankoro bi ne asafo ahorow a ɛwɔ Ghana ne aman foforo so kɔpɛ sika a wɔde besi wɔn Ahenni Asa. Bere a wɔde adwempa na ɛyɛ eyi no, yɛpɛ sɛ wogyae adeyɛ yi koraa. Wɔyɛɛ Asafo ti Ahenni Asa Foto no ho nhyehyɛe ma wɔde aboaboa sika ano de asi Ahenni Asa anaasɛ wɔde atrɛw asa ahorow a ɛwɔ hɔ no mu. Yɛrehyɛ asafo ahorow no nyinaa nkuran sɛ wommisa bosea mfi foto no mu bere a wohia no.

◼ Yɛrekae mo sɛ ɛnsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ Bible mu nsɛmmisa a ɛfa nneɛma ahorow ho, anaasɛ wohia afotu bi a wɔde bedi ɔhaw ahorow ho dwuma no ankasa kɔ Asafo ti hɔ, wɔfrɛ wɔ telefon so, anaasɛ wɔkyerɛw krataa tee kɔhwehwɛ mmuae. Yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu wɔ Asafo ti no nhoma ahorow mu, na wɔmfa Watch Tower Publications Index no nni dwuma. Afei nso, mpanyimfo ne anuanom foforo a wɔn ho akokwaw a wɔne wɔn besusuw ho wɔ Ahenni Asa so no betumi aboa. Sɛ wɔyɛ eyi na wɔannya nkyerɛkyerɛmu anaa afotu a wohia a, ɛnde wobetumi de asɛm no akɔma Asafo ti no. Yɛsrɛ sɛ wonhu mpanyimfo no na wonnye akwankyerɛ a wɔde bɛkyerɛw baa dwumadibea no.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, April, 1997, nkaebɔ afã.

◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:

Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (nnwom nhoma ketewa).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena