Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/00 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 1/00 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ama. February: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden pii na mufi ofie Bible adesua ase. April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara. Fa Ahwehwɛde nhomawa no bi ma anigyefo, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase.

◼ Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔba Ɔsom Nhyiam ase wɔ January 10 dapɛn no mu nyinaa “Advance Medical Directive/Release” krataa no bi ne “Identity Card” a wɔde bɛma wɔn mma.

◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Harmagedon Paa No—Dɛn Nti? Bere bɛn?”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata de di afe yi Nkaedi no Wukuda, April 19, bere a owia akɔtɔ no. Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde Nkaedi bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛwom sɛ ɛyɛ nea ɛfata sɛ asafo biara bɛyɛ nankasa Nkaedi de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi betumi aba saa. Baabi a asafo dodow bi kɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akɔhwehwɛ ɔdan foforo akɔ mu saa anwummere no. Yɛhyɛ nyansa sɛ sɛ ebetumi a, anyɛ yiye koraa no momma simma 30 nna dwumadi no ntam na ama moanya bere de akyiakyia ahɔho, ahyɛ wɔn a wɔakyerɛ anigye foforo nkuran, na moanya afahyɛ no so mfaso pii. Sɛ ɛho behia a, ɛsɛ sɛ mususuw kar nkyereso ne mmeae a wɔde kar besisi, a baabi a wɔn a wɔbɛforo kar besi ne baabi a wɔbɛforo no nso ka ho no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae wɔ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no ho.

◼ Wɔbɛma baguam ɔkasa titiriw ma 2000 Nkaedi bere no Kwasida April 16. Ɔkasa no asɛmti ne “Nea Enti a Adesamma Hia Agyede No.” Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛba. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 16, 2000 adu.

◼ Wɔremmue Betel January 29. Yɛsrɛ sɛ monnkɔ hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena