Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/00 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛma Asomdwoe Atena Asafo No Mu Na Ɛho Atew
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Mpo Yehowa Nteɛso Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Suasua Yehowa Mmɔborohunu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Sɛnea Yehowa Pɛ Sɛ Asafo No Mufo Bu Wɔn a Wɔayɛ Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 2/00 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ So ɛfata sɛ yɛbɔ yɛn nsam bere a wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔagye obi no?

Yehowa Nyankopɔn adɔe nti wakyerɛ ɔkwan a egyina Kyerɛwnsɛm so a nnebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho betumi afa so asan anya n’anim dom na wɔagye wɔn aba Kristofo asafo no mu bio. (Dw. 51:12, 17) Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ ɛba saa a ɛsɛ sɛ yeyi ɔdɔ adi kyerɛ saafo a wɔanu wɔn ho ampa no.—2 Kor. 2:6-8.

Nanso, ɛmfa ho anigye a yenya bere a wogye obusuani anaa obi a yenim no no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm bere a wɔbɔ amanneɛ wɔ asafo no mu sɛ wɔagye no no. October 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no kratafa 17 kaa eyi ho asɛm sɛ: “Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, asafo no mufo dodow no ara nnim nea ɛyɛe a wotuu obi anaa wogyee no. Afei nso ebia nea wanu ne ho no bɔne aka ebinom anaa apira wɔn—ebia bere tenten bi mpo. Esiane nsɛm a ɛtete saa nti, sɛ wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔagye obi a, yebefi ntease mu atwɛn a yɛnyɛ biribi mfa nkyerɛ sɛ yɛrema no akwaaba kosi bere a yebetumi ayɛ saa sɛ ankorankoro.”

Ɛwom sɛ yɛn ani gye kɛse bere a yehu sɛ obi asan aba nokware no mu de, nanso yɛn nsam a yɛbɛbɔ wɔ bere a wogye no no renyɛ nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena