Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Fa Ahwehwɛde nhomawa ma anigyefo, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? Bɔ mmɔden paa sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. July ne August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama.
◼ Sɛ ɔsram biara da a ɛtɔ so 25 bedu na mo asafo no nsa nkaa Yɛn Ahenni Som a edi hɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no ka kyerɛ Amanae Dwumadibea no wɔ Betel wɔ telefon so.
◼ Nkaebɔ: Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa gye wɔn nsɛmma nhoma biara fi wɔn asafo no mu. Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ adawurubɔfo kra wɔn ankasa nsɛmma nhoma.
◼ Yɛpɛ sɛ yɛkae adawurubɔfo nyinaa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde Asafo ti no address di dwuma bere a wɔrekyerɛw wɔn ankasa nkrataa ahorow no. Nea ɛka eyi ho ne nhoma ne nkrataa biara a mode kɔma anigyefo, wɔn a monto wɔn fie, anaa krataa a mode di wɔn a wɔtete mmeae foforo a muntumi nkɔ hɔ adanse no. Sɛ morekyerɛw krataa de adi afoforo adanse a, momfa mo ankasa address anaa mo Ahenni Asa so de nni dwuma. Yɛsrɛ sɛ mommfa Asafo ti no address nnni dwuma.
◼ Yɛrehyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mmra ntɛm ɔsram biara awiei. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ hu sɛ ennu ɔsram biara da a ɛto so 6 no, na ɔde akontaabu no amena.
◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:
Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm—Engiresi
Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Ewe
Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu (Kratawa a Ɛto So 15)—Franse kasa
◼ Kasɛt Foforo a Ebi Aba Bio:
Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Honhom Fam Agyapade—Engiresi