Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/00 kr. 4
  • So Wokyerɛ Yehowa Abodwokyɛre Ho Anisɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokyerɛ Yehowa Abodwokyɛre Ho Anisɔ?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Yehowa Abotare No Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yehowa Ne Yesu Wɔ Ntoboase—Suasua Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Kɔ So Nya Abotare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ɛsɛ sɛ Yɛda Boasetɔ Adi wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 7/00 kr. 4

So Wokyerɛ Yehowa Abodwokyɛre Ho Anisɔ?

1 Sɛ Yehowa annya abotare wɔ mfe 10, 20, anaa mfe pii a atwam no mu, amma wɔanni adanse pii a, anka wubehu nokware no? Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wama kwan ma nnipa foforo pii aba “adwensakra mu.” Nanso, Yehowa da kɛse no “bɛba sɛ owifo ba.” (2 Pet. 3:9, 10) Enti, ɛnsɛ sɛ yebu Onyankopɔn abodwokyɛre no sɛ akyɛ dodo sɛ ɔde wiase yi awiei no bɛba.—Hab. 2:3.

2 Hu Nnipa Mmɔbɔ: Yentumi nte Yehowa abodwokyɛre no ase nwie da. Enni sɛ yɛma yɛn werɛ fi atirimpɔw a ɛwom no. (Yona 4:1-4, 11) Adesamma asɛm yɛ Yehowa mmɔbɔ na ne yam hyehye no ma wɔn. Yesu nso te nka saa ara. Esiane sɛ na wɔn a ɔka asɛm no kyerɛ wɔn no yɛ no mmɔbɔ nti, na ɔpɛ sɛ asɛmpaka adwuma no mu trɛw na wɔnam so ama nnipa pii anya daa nkwa.—Mat. 9:35-38.

3 Sɛ asiane bi to nkurɔfo a wonnim nokware no a, so ɛyɛ a ɛnyɛ yɛn yaw? Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no te sɛ “nguan a wonni hwɛfo” bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya wiase haw ano aduru no. (Marko 6:34) Sɛ yɛde nnam ka asɛmpa no a, ɛma yɛkyekye akomapafo werɛ na yɛkyerɛ Yehowa abodwokyɛre ho anisɔ.—Aso. 13:48.

4 Yɛn Adwuma no Ho Hia Kɛse: Afe a etwaam no, wɔbɔɔ nnipa 323,439 asu na nnipa bɛboro 14,000,000 na wɔkɔɔ Nkaedi no bi. Hwɛ hokwan ara a nnipa pii wɔ sɛ wobetumi aguan ɔsɛe a ɛbɛba wiase yi so no! Sɛnea “nnipakuw kɛse” no dodow bɛyɛ de, yennim. (Adi. 7:9) Yennim bere tenten a ɛsɛ sɛ yɛde ka asɛm no. Nanso Yehowa nim. Ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no sɛnea ɔpɛ, “ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:14.

5 Wɔatwa bere no tiaa, na Onyankopɔn da no abɛn. (1 Kor. 7:29a; Heb. 10:37) Ɛyɛ ampa sɛ “yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.” (Rom. 13:11) Mommma yemmmu yɛn ani nngu atirimpɔw a Onyankopɔn abodwokyɛre no kura no so. Mmom no, momma yɛmfa ahopere nka asɛm no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa behu nnipa pii a wɔn kɔn dɔ adetrenee no mmɔbɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena