Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/00 kr. 3
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 7/00 kr. 3

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Da koro nhyiam titiriw a ebefi ase July 2000 no asɛmti ne: “Onyankopɔn Ade a Emu Dɔ no a Yɛbɛpɛɛpɛɛ Mu.” (1 Kor. 2:10) Nneɛma a ɛsom bo bɛn na yebesua?

Nimdeɛ a nnipa pii hwehwɛ no mma wonnya abotɔyam. Bible hyɛ yɛn den, sɛnea yebehu wɔ ɔmansin sohwɛfo kasa a wɔato din “Onyankopɔn Asɛm a Yɛpɛɛpɛɛ Mu no Ma Yenya Abotɔyam,” mu no. Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no bɛma yɛahu sɛnea Onyankopɔn ade a yɛbɛpɛɛpɛɛ mu no ne asɛmpa no a yɛbɛka no wɔ abusuabɔ bere a ɔkyerɛkyerɛ asɛm, “Wubu Ahenni Asɛnka no Dɛn?” mu no.

Ɛbɛyɛ dɛn na awofo atumi aboa wɔn mma ma wɔahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu yiye? Wɔnam asɛm a ɛne, “Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Onyankopɔn Asɛm” no so bɛma yɛahu nyansahyɛ a yebetumi adi akyi. Fekubɔ a Kristofo mmofra ne wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam nya no tumi boa wɔn kɛse. Wɔbɛda sɛnea wonya mfaso kɛse no adi wɔ ɔfã a wɔato din “Mmofra a Wosuasua Mpanyimfo” no mu.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ honhom fam akorade a ahintaw no nnɛ? Yehowa ne obi a ɔda ahintasɛm adi. Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no nam ɔkasa a wɔato din “Yehowa Kɔ so Da Ade a Emu Dɔ no Adi” no so bɛma yɛahu nea Yehowa ada no adi tete ne nnɛ nyinaa. Eyi bɛma yɛayere yɛn ho ‘apɛɛpɛɛ Onyankopɔn ade a emu dɔ no’ mu.

Fi ase yɛ nhyehyɛe seesei na woatumi akɔ bi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ho nsɛnkyerɛnne ma Yehowa no ma ɔhwɛfo guamtrani no aso te no ntɛm. Nea yɛbɛte no bɛma yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den a yɛde bɛpɛɛpɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu. Enti mma da titiriw yi a wɔde honhom fam nkyerɛkyerɛ bɛma no mmpa wo ti so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena