Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/00 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 10/00 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ ho anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, wubetumi ama wakra bi. Efi October 16 no, yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36. November: Yɛbɛkɔ so akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no. Asafo ahorow a wotumi kyekyɛɛ Ahenni Asɛm no wɔ wɔn asasesin mu maa afiewuranom wɔ ofie biara mu wiei no betumi de Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no ama. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, wobetumi de Tra Ase Daa anaa Creation nhoma no ama. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nso betumi de ama.

◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2001” na ɛsɛ sɛ wode sie na wode di dwuma 2001 nyinaa.

◼ Sɛ bere a mode yɛ mo asafo nhyiam bɛsakra January 1 a, ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no ma Asafo ti no aso te denam “Congregation Meeting Information” kratasin (S-5) a ɔde bɛmena no so.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wonnya nkraa 2001 Calendar ne Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2001 no kra no saa bere yi. Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no wɔ Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi kasa mu. Ansa na yɛn nsa bɛka nhomawa yi de amena mo no, ebepue wɔ krataa a nneɛma a wɔde brɛ mo din wɔ so no so sɛ “Pending.” Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no yɛ nhomawa a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo.

◼ Esiane adawurubɔfo ne anigyefo dodow a wɔyɛ mum wɔ Ghana apuei mantam mu nti, yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan ayɛ Mum Kasa ɔmantam nhyiam foforo wɔ ɔman yi mu. Yɛbɛyɛ no December 15 kosi 17, 2000, wɔ Koforidua. Yɛde bɛka Koforidua ‘B’ nhyiam no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena