Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/00 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 12/00 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

September 4 kosi December 18, 2000 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afa horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afa ahorow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Dawid amma Abisai ankum Simei efisɛ na sobo a Simei rebɔ Dawid no yɛ nokware. (2 Sam. 16:5-13) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 5/1 kr. 32 nky. 3.]

2. Ɛnyɛ abusuabɔ pa nko na ahonim a emu tew na wɔatete no yiye ma yɛne Nyankopɔn nya, na mmom ɛho hia ma yɛn nkwagye nso. (Heb. 10:22; 1 Pet. 1:15, 16) [w98-TW 9/1 kr. 4 nky. 4]

3. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 1 Ahene no yɛ abakɔsɛm ara kɛkɛ ma Kristofo efisɛ ahene 14 a wodii Israel ne Yuda so wɔ Salomo wu akyi no mu 2 pɛ na wotumi yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so. [si-E kr. 64 nky. 1]

4. Yebetumi de Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no atoto Salomo mfirihyia 40 nniso a na asomdwoe ne yiyedi wom no ho. (1 Ahe. 4:24, 25, 29) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90-E 6/1 kr. 6 nky. 5.]

5. Abia, a na ofi Yerobeam fie no nkutoo a wosiee no ɔkwampa so no kyerɛ ankasa sɛ na ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo. (1 Ahe. 14:10, 13) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 4/1 kr. 12 nky. 11.]

6. Bɔ a wɔbɔ obi asu sɛ Kristoni no da adi sɛ onii no abɛyɛ Onyankopɔn somfo a ne ho akokwaw. [w98-TW 10/1 kr. 28 nky. 2]

7. Yehowa maa Elia nyaa akokoduru a ɛboro nnipa de so na oyii ehu biara fii ne mu. (1 Ahe. 18:17, 18, 21, 40, 46) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w98-TW 1/1 kr. 31 nky. 2.]

8. Ɛnyɛ anuonyam a na Salomo asɔrefi no wɔ ne nneɛma a ɛsom bo a wɔde sii no nkutoo na ɛma ɛdaa nsow na mmom na ɛyɛ Yehowa honhom fam asɔrefi nwonwaso no nsusuwso. [si-E kr. 69 nky. 26]

9. Na ɛda adi sɛ anifurae a Elisa ka ma wɔde bɔɔ Siria asraafodɔm no yɛ adwenem de esiane sɛ wotumi huu Elisa nanso wɔanhu nipa ko a ɔyɛ no nti. (2 Ahe. 6:18, 19) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si-E nkr. 70-1 nky. 10.]

10. “Adanse no” a na wɔde hyɛ obi nsa a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Ahene 11:12 no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ sɛnea ɔhene no kyerɛ Onyankopɔn Mmara no ase no ye na ɛsɛ sɛ wotie. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w91-TW 2/1 kr. 31 nky. 6.]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Sɛnea 1 Yohane 2:15-17 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ awofo a wosuro Onyankopɔn ma wɔn mma kwati bere a wɔreboa wɔn ma wɔapaw honam fam adwuma a ɛfata no? [w98-TW 7/15 kr. 5 nky. 2]

12. Dɛn na asɛm a ɛwɔ 2 Samuel 18:8, a ɛse: “Na dɔm no mu wɔn a wowui kwae no mu dɔɔso sen wɔn a wowui nkrante ano no” kyerɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87-E 3/15 kr. 31 nky. 2.]

13. Henanom na yebetumi de wɔn atoto Goliat abusua a ɛne Refaim no ho, na dɛn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ? (2 Sam. 21:15-22) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-TW 1/1 kr. 20 nky. 8.]

14. Bible nnyinasosɛm a mfaso wɔ so bɛn na yesua fi 2 Samuel 6:6, 7? [si-E kr. 63 nky. 30]

15. Nnyinasosɛm titiriw bɛn na yebetumi asua afa ɔbarima a Homeda a obuu so nti wokum no no ho? (Num. 15:35) [w98-TW 9/1 kr. 20 nky. 2]

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Seba hemmaa a otwaa kwan tenten kotiee “Salomo nyansa” no? (1 Ahe. 10:1-9) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 7/1 kr. 31 nky. 1-2.]

17. Sɛnea 1 Ahene 17:3, 4, 7-9, 17-24 kyerɛ no, akwan abiɛsa bɛn so na Elia kyerɛɛ Yehowa mu gyidi? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w92-TW 4/1 kr. 19 nky. 5.]

18. Adɛn nti na Nabot bobeturo a wamfa amma Ahab no nyɛ atuatew? (1 Ahe. 21:2, 3) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 8/1 kr. 13 nky. 18.]

19. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ 2 Ahene 6:16 no tumi hyɛ Yehowa asomfo nkuran nnɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w98-TW 6/15 kr. 18 nky. 5.]

20. Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye na wɔamfa akyɛde anhwehwɛ ɔsom mu dibea? [w98-TW 11/15 kr. 28 nky. 5]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Ɛnsɛ sɛ nokware Kristoni ․․․․․․․․ na ɔde ne ho hyɛ amanne ahorow a ɛnsɔ ․․․․․․․․ ani mu. (Mmeb. 29:25; Mat. 10:28) [w98-TW 7/15 kr. 20 nky. 5]

22. Bere a na Paulo rekasa akyerɛ Ɔhene Agripa no, ɔde ․․․․․․․․ dii dwuma, na osii nsɛm a ɔne Agripa ․․․․․․․․ wɔ ho so dua. (Aso. 26:2, 3, 26, 27) [w98-TW 9/1 kr. 31 nky. 3]

23. Ebia ebinom bɛte nka sɛ esiane sɛ ․․․․․․․․ Onyankopɔn nti, ɔnyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, nanso, dodow a obi bɛyere ne ho ․․․․․․․․ no, dodow no ara na obetumi ‘ahu Nea wonhu no no.’ (Heb. 11: 27) [w98-TW 9/15 kr. 21 nky. 3-4]

24. Sɛnea Siria sahene ․․․․․․․․ asɛm no kyerɛ no, ɛtɔ da a, ․․․․․․․․ kakraa bi a yɛbɛda no adi no so betumi aba yɛn mfaso kɛse. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 2/1 kr. 3 nky. 6-kr. 4 nky. 1.]

25. Sɛnea na Yehonadab wɔ Ɔhene Yehu ho koma no, saa ara na ․․․․․․․․ a wɔwɔ hɔ nnɛ no fi wɔn pɛ mu gye Yehu Ɔkɛseɛ, ․․․․․․․․, a ․․․․․․․․ na wogyina n’ananmu wɔ asase so no, tom na wɔne no yɛ biako. (2 Ahe. 10:15, 16) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w98-TW 1/1 kr. 13 nky. 5-6.]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Ɛyɛ (Satan; Yehowa; Yoab) na ɔhyɛɛ Dawid ma ‘ɔkanee Israelfo’ no. (2 Sam. 24:1) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w92-TW 7/15 kr. 5 nky. 2.]

27. Sɛnea 1 Ahene 8:1 ne Ɔsɛnkafo 1:1 nyinaa kyerɛ no, Salomo boaboaa nkurɔfo no ano sɛ (wonsi asɔrefie no; wɔnsɔre ntia Israelfo atamfo; wɔnsom Yehowa). [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si-E kr. 112 nky. 3.]

28. Mfe 20 a Salomo de sii asɔrefie ne n’ankasa fie wɔ Yerusalem no te sɛ ɔkyerɛkyerɛ ne ahyehyɛde mu nsakrae bere a efii ase (1919; 1923; 1931) na ɛbaa awiei (1938; 1942; 1950) mu no. (1 Ahe. 9:10) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w92-TW 3/1 kr. 20 adaka no.]

29. Asɛmfua “ɔsoro” a wɔka ho asɛm wɔ 2 Ahene 2:11 no gyina hɔ ma (Onyankopɔn honhom fam atrae; amansan mu nneɛma a aniwa hu; ahunmu baabi a nnomaa ne mframa nenam no). [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 9/15 kr. 15 adaka no.]

30. (Herode Ɔkɛseɛ; Kaesare Augusto; Tiberio Kaesare) na ɔde nnipakan a ɛnam so ma wɔwoo Yesu wɔ Betlehem na mmom ɛnyɛ Nasaret no ho ahyɛde mae. [w98-TW 12/15 kr. 7 adaka no]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Dw. 15:4; 2 Sam. 12:28; 2 Sam. 15:18-22; 2 Ahe. 3:11; Kol. 3:13

31. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma Yehowa teokrase tiyɛ ho nhyehyɛe no. [si-E kr. 63 nky. 30]

32. Ɛsɛ sɛ yedi nokware ma Yehowa ahyehyɛde ne n’ananmusifo no. [si-E kr. 63 nky. 30]

33. Yehowa mmɔborohunu ho anisɔ a obi bɛkyerɛ no betumi ahyɛ no nkuran ma wanya boasetɔ na watumi abu ani agu afoforo sintɔ so. [w98-TW 11/1 kr. 6 nky. 3]

34. Ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛda ayamye adi na yɛafi ahobrɛase mu asom Yehowa nkoa anokwafo a wɔresom wɔ ɔkwan soronko so no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 11/1 kr. 31 nky. 1.]

35. Obi a osuro Nyankopɔn no bɔ mmɔden biara sɛ obedi bɔ a wahyɛ sɛ obetua aka a ɔdede nkurɔfo no so, sɛ ɛba sɛ nneɛma ankɔ yiye sɛnea ɔhwɛɛ kwan no mpo a. [w98-TW 11/15 kr. 27 nky. 1]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena