Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/01 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 1/01 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nso betumi de ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaa nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden kɛse afi ofie Bible adesua ase. April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ wokɔsra obi na ɔkyerɛ anigye a, wubetumi ama no akra nsɛmma nhoma. Fa Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no ma, a atirimpɔw ne sɛ wode befi ofie Bible adesua ase.

◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Atemmu Da—Ɛsɛ sɛ Yesuro anaasɛ Yɛhwɛ Kwan?”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata de di afe yi Nkaedi no Kwasida, April 8, bere a owia akɔtɔ no. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Esiane sɛ yɛnyɛ nhyiam biara gye asɛnka nhyiam nkutoo saa da no nti, ɛsɛ sɛ moyɛ nsakrae a ɛfata na moatumi ayɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no da foforo. Ɛsɛ sɛ amansin so ahwɛfo gyina asafo a wɔresom wom no nhyehyɛe so yɛ nsakrae wɔ dapɛn no nhyiam mu. Ɛwom sɛ ɛyɛ nea ɛfata sɛ asafo biara bɛyɛ n’ankasa Nkaedi de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi betumi aba saa. Baabi a asafo dodow bi kɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akɔhwehwɛ ɔdan foforo akɔ mu saa anwummere no. Yɛhyɛ nyansa sɛ sɛ ebetumi a, anyɛ yiye koraa no baabi a asafo no dɔɔso no momma simma 30 nna dwumadi no ntam na ama moanya afahyɛ no so mfaso pii, anya bere de akyiakyia ahɔho, ahyɛ anigyefo foforo nkuran. Ɛsɛ sɛ mususuw kar nkyereso ne mmeae a wɔde kar besisi, a baabi a afoforo bɛforo kar ne baabi a wobesi nso ka ho no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae wɔ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no ho.

◼ Yɛbɛma baguam ɔkasa titiriw ma 2001 Nkaedi bere no Kwasida April 1. Ɔkasa no asɛmti ne “Henanom na Wobetumi Agye Wɔn Nkwa?” Yɛde krataa a mobɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛbrɛ mo. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no April 9 dapɛn no mu. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 1, 2001 adu.

◼ Video Kasɛt Foforo a Aba:

Bere a Obi a Wodɔ No Awu (Ma mum)—Amerika Mum Kasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena