Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/01 kr. 3-4
  • Ma Wonhu Yehowa Din ne Ne Nneyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wonhu Yehowa Din ne Ne Nneyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Monkɔ So Nka Yehowa Anwonwade Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 2/01 kr. 3-4

Ma Wonhu Yehowa Din ne Ne Nneyɛe

1 “Monna [Yehowa, NW] ase, mommɔ ne din, momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. . . . Wɔn a wɔhwehwɛ [Yehowa, NW] no koma ntɔ wɔn yam.” (Dw. 105:1, 3) Odwontofo a ɔkyerɛw saa nsɛm no de anigye kɛse kaa Yehowa ne ne “nneyɛe” ho asɛm kyerɛe. Nneyɛe bɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ nea ɛfa Onyankopɔn anuonyam ahenni ne ne ‘nkwagye asɛmpa’ ho no.—Dw. 96:2, 3; 145:11, 12.

2 Bere a 2001 Nkaedi no rebɛn no, yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye nea Yehowa ayɛ ama yɛn no ho. Dɛn ntia? Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Awurade Anwummeduan no ne afahyɛ a ɛsom bo sen biara ma nokware Kristofo nyinaa afe biara. Afahyɛ biara nni hɔ a ɛte sɛ ɛno wɔ hia a ehia, n’atirimpɔw ne ɔkwan a yɛfa so di no ho. Saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn nkwagye no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ Nkaedi rebedu a, yɛyɛ asɛnka adwuma no kɛse de ka ‘nkwagye asɛmpa’ ho asɛm!

3 Wobɛyɛ Ɔkwampaefo Boafo? April a etwaam no, anuanom 7,117 na wɔyɛɛ akwampaefo boafo. Afe yi, so yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no kɛse wɔ March ne April mu titiriw? Memeneda anum na ɛwɔ March mu na Kwasida anum na ɛwɔ April mu. Adawurubɔfo a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma no ahu sɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew pii ka asɛm no dapɛn awiei biara a, wobetumi ayɛ akwampaefo boafo. Sɛ obi betumi anya nnɔnhwerew 50 ɔsram biara sɛ ɔkwampaefo boafo a, ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, otumi nya nnɔnhwerew 12 dapɛn biara. Susuw bere nhyehyɛe ho nyansahyɛ a yɛde ama wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 4 no ho yiye. So wubetumi de emu biako adi dwuma? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde wubetumi ayɛ w’ankasa nhyehyɛe na woatumi ayɛ ɔkwampaefo boafo wɔ March ne April mu.

4 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no fi ase saa bere yi kanyan asɛnka adwuma no ho anigye na wɔde ho mmoa ma. Afe a etwaam no, wɔ asafo bi a mpanyimfo ne asomfo no nyinaa yɛɛ akwampaefo boafo adwuma mu no, adawurubɔfo 121 no mu 64 na wɔyɛɛ akwampaefo boafo wɔ April mu! Ɛyɛɛ asafo no mufo anigye nso sɛ wonyaa adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu asia ma wobuu akontaa wɔ March ne April mu. Nokwarem no, saa bere yi ne bere pa a mmofra ne anigyefo betumi aka akyerɛ mpanyimfo no sɛ wɔpɛ sɛ wofi ase de wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu.

5 Nsiyɛ De Nhyira Ba: Asafo ahorow a ɛde botae pɔtee bi si hɔ na wɔbɔ ho mmɔden kɛse no nya nhyira pii. Asafo ahorow bi taa de adwene si asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no so kɛse, fa akwan pii so di adanse, anaa wɔyɛ telefon so adansedi—ɔkwan pa a wɔfa so nya wɔn a wɔnto wɔn fie ne wɔn a wɔte afie a wɔmma kwan mma obiara nkɔ mu no.

6 So ɛsɛ sɛ yare anaa onyin yɛ akwanside wɔ asɛnka adwuma no pii a obi bɛyɛ ho? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a wadi mfe 86 a ɔyare kokoram no yɛɛ ɔkwampaefo boafo April a etwaam no mu ɛmfa ho sɛ na ne nan ahon no. Ɔnam telefon so adansedi so yɛɛ asɛnka adwuma no pii na oyii Yehowa ayɛ kɛse. Eyi maa ɔne asafo no mufo nyinaa nyaa anigye kɛse.

7 Siesie Wo Ho Yiye Ma Nkaedi No: Afe yi Nkaedi no bɛba so April 8. Esiane sɛ saa da yi yɛ Kwasida nti, nnipa pii betumi aba bi. Sɛ yebetumi anya nnipa pii ma wɔaba Nkaedi yi ase asen biara a, ɛsɛ sɛ (1) yɛn ankasa kɔ ase na (2) yɛto nsa frɛ afoforo. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn?

8 Hwɛ w’asɛnka kyerɛwtohɔ mu fa hu wɔn a wɔkyerɛɛ nokware no ho anigye bere bi no din, ɛmfa ho sɛ ebia wontaa nkɔ wɔn nkyɛn no. Sɛ ɛrebɛka nnawɔtwe abien anaa abiɛsa ma yɛayɛ Nkaedi no a, bɔ mmɔden kɔsra wɔn na to nsa frɛ wɔn. Sɛ wubetumi a, tua wɔn a wɔpɛ sɛ wɔba no kar sika ma wɔn.

9 Asafo ahorow bi ntumi mfa nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo ba Nkaedi no nyinaa mma. Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo no ma obiara nsa ka nkratasin no bere a ɛsɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyekyɛ ne nyinaa ma asa. Wubetumi akyerɛw bere a yɛde bɛyɛ Nkaedi no ne faako a yɛbɛyɛ no no fɛfɛɛfɛ agu kratasin no ase. Yɛrekae mo sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wode kratasin no bɛhyɛ ofiewura no ankasa nsam.

10 Kae Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No: Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Bible suani bi ahyira ne ho so ama Yehowa na ɔde nsu mu asubɔ ayɛ ho nsɛnkyerɛnne. Nanso, afe biara, ebinom a wɔka yɛn ho ne yɛn gyae fekubɔ, na wɔnka Yehowa din ne ne nneyɛe ho asɛm nkyerɛ bio. Ɛsɛ sɛ yɛma eyi ho hia yɛn paa. Ebetumi aba sɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu pii nnyaee nokware no, nanso wɔagyae asɛnka kɔ esiane abasamtu, wɔn ankasa nsɛnnennen bi, anaa asetram dadwen afoforo nti. (Mat. 13:20-22) Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom fam no ma wɔsan ba asafo no mu ansa na Satan wiase no amene wɔn. (1 Pet. 5:8) Wɔ Nkaedi bere yi mu no, yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho boa wɔn a wɔayɛ mmerɛw nanso, wɔfata no nyinaa ma wofi ase ka asɛmpa no kyerɛ afoforo bio.

11 Ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo no ma nhoma adesua so ahwɛfo no hu obiara a wayɛ mmerɛw wɔ ne kuw no mu. Asafo Ɔsom Boayikuw no bɛyɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo akɔsra wɔn a wɔayɛ mmerɛw nyinaa. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ wɔne ankorankoro bi yɛ Bible adesua a, ɔsom boayikuw no na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obi a ɔfata ankasa sɛ ɔyɛ adesua no. Ɛwom sɛ ɛho nhia sɛ yɛbɛma adesua a ɛte saa no agye bere tenten de, nanso nea wɔapaw no sɛ ɔnyɛ adesua no betumi abu bere, sankɔhwɛ ne Bible adesua ho akontaa.

12 April a etwaam no, onuawa bi a na ɔreyɛ afie afie asɛnka maa aberante bi a ohyiaa no abɔnten nsɛmma nhoma. Aberante no kae sɛ ne yere yɛ Ɔdansefo a wayɛ mmerɛw. Aberante no bisaa faako a Ahenni Asa wɔ na ɔtoo nsa frɛɛ onuawa no sɛ ɔmmɛsra ɔne ne yere. Eyi maa awarefo no kɔɔ asafo nhyiam a edi hɔ no na wɔpenee Bible adesua so.

13 Siesie Wo Ho sɛ Wobɛyɛ Pii Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu! Odwontofo a ɔkae sɛ yɛmma wonhu Yehowa din ne ne nneyɛe no de kaa ho sɛ: ‘Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no, munnwen n’anwonwade nyinaa ho. Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.’ (Dw. 105:2, 3) Momma Yehowa din kɛse no ne ‘n’anwonwade’ ho nhia yɛn denam asɛnka adwuma pii a yɛbɛyɛ de ama Nkaedi bere yi ayɛ nea ɛkyɛn so so!

[Kratafa 4 adaka]

Akwan Horow a Yebetumi Afa so Anya Nnɔnhwerew 12 Dapɛn Biara Sɛ Akwampaefo Boafo

Da Nnɔnhwerew

Dwoda 1 2 − −

Benada 1 − 3 −

Wukuda 1 2 − 5

Yawda 1 − 3 −

Fida 1 2 − −

Memeneda 5 4 3 5

Kwasida 2 2 3 2

Nkabom: 12 12 12 12

So Nhyehyɛe yi mu biako bɛfata ama wo? Sɛ ɛnte saa a, dɛn nti na wonnyɛ w’ankasa nhyehyɛe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena