Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/01 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 2/01 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaa nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden kɛse afi ofie Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ wokɔsra obi na ɔkyerɛ anigye a, wubetumi ama no akra nsɛmma nhoma. Fa Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no ma fa fi ofie Bible adesua ase.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie eyi a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a morebɔ sikasɛm ho amanneɛ bere foforo no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobedu nnɔnhwerew ahwehwɛde no ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ boa wɔn. Sɛ mopɛ ɛho nyansahyɛ a, monhwɛ krataa a Asafo ti no kyerɛw afe biara November 1 a wɔato din S-201 no mu. Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 12-20 no nso.

◼ Sɛ moreyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma a, adawurubɔfo betumi de Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no ama. Sɛ ofiewura no wɔ nhoma abien yi bi dedaw a, mubetumi de nhoma foforo biara ama no. Ɛsɛ sɛ obiara fa nkratawa pii na wagyaw bi wɔ afie a wanto obiara wom anaa ɔde ama wɔn a wɔannye nhoma no. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden san kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn, ɛnkanka nsasesin a akwampaefo atitiriw betumi ayɛ mu adwuma anaasɛ ɛbɛn asafo ahorow bi no mu.

◼ Nhoma Foforo a Aba:

Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!—Engiresi, Ewe, Ga, Twi

◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:

All Scripture Is Inspired of God and Beneficial—Engiresi

Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm—Twi

Nniso a Ɛde Paradise Bɛba—Engiresi

Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Engiresi

◼ Compact Disc Foforo a Ebi Aba

Watchtower Library 1999—Engiresi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena