Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/01 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 3/01 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden kɛse afi ofie Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, wubetumi ama wakra bi. Fa Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no ma fa fi ofie Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua a wubefi ase so.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ɛfata, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene so sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo no din kyerɛ asafo no.

◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Kwasida April 8, 2001. Ɛnsɛ sɛ moyɛ asafo nhyiam biara saa da no gye asɛnka nhyiam nkutoo. Mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe a ɛfata ma wɔayɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no bere foforo.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo no mufo de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra ne nea asa a wɔresan akra nyinaa fa wɔn asafo no so.

◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma no abrɛ Asafo ti no sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no betumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.

◼ Ɛho hia sɛ akuw a emu nnipa yɛ 20 anaa nea ɛboro saa a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛhwɛ Asafo ti no adwumayɛbea no di kan kyerɛw Asafo ti no. Yɛsrɛ sɛ monkyerɛ nnipa dodow a wɔreba, da ne bere a mobɛba. Yɛsrɛ sɛ ansa na mobɛba no, munsusuw March 1998 Yɛn Ahenni Som no Asɛmmisa Afã a ɛfa ahosiesie ne ntade a ɛfata bere a wɔrebɛsra Betel afie ho no ho.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie a, mommɔ mo asafo no amanneɛ bere a mode mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ no ama akyi no.

◼ Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔbɛyɛ wɔ Ghana no bi na wɔpɛ sɛ wohu bere a wɔde bɛyɛ saa nhyiam no kyerɛw kobisa ɛho nsɛm fi ɔman ko no baa dwumadibea hɔ. Baa dwumadibea a ɛwɔ Accra no ntumi nhu bere a ɛte saa, enti yɛsrɛ sɛ monnkyerɛw mmmebisa ho nsɛm mfi Accra.

◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:

Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu—Ewe

Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Dangme

Nnwom Nhoma (Nketewa)—Twi

◼ Nhoma Foforo a Aba:

Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom?—Engiresi, Ewe, Ga, Twi

◼ Kasɛt Foforo a Aba:

Ahenni Nnwom Po 9

Warning Examples for Our Day (Drama)—Engiresi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena