Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye bere a woakɔsra no no a, wubetumi ama no akra bi.
◼ Efi September no, ɔkasa a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Sɛnea Nokware Kristofo De Nyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Bɔ Wɔn Bra.”
◼ Mode mo asafo no “Application for Unassigned Territory” (S-90) krataa no kɔ? Sɛ monyɛɛ saa a, yɛrekae mo.
◼ Efi July 15, 2001 no, wobefi ase atintim Ɔwɛn-Aban wɔ Sango kasa mu, na ɛbɛba dapɛn abien biara.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba:
Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Nzema, Arabic
◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:
Nnwom nhoma (Ketewa)—Ewe
Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ—Engiresi
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?—Engiresi
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo—Engiresi, Ewe, Ga, Twi