Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/02 kr. 1
  • Kɔ so Fa Ahenni no Di Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ so Fa Ahenni no Di Kan
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Kan’
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • ‘Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Kan’
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Asafo Mu Asomfo​—Nhyira ma Yehowa Nkurɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Asafo Mu Asomfo Munkura Gyinabea Pa Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 1/02 kr. 1

Kɔ so Fa Ahenni no Di Kan

1 Onyankopɔn Ahenni a yɛde bedi kan wɔ yɛn asetra mu, na yɛakɔ so ayɛ saa bere a yehyia sikasɛm mu ahokyere ne ɔhaw afoforo no nyɛ mmerɛw. Sɛ nsɛnnennen sɔre a, yɛyɛ dɛn kɔ so de Ahenni no di kan? Na sɛ yenya adwuma a ɛhwehwɛ sɛ yɛtoto asafo nhyiam ahorow mu anaasɛ esiw yɛn asɛnka kwan nso ɛ? So ɛsɛ sɛ edi Ahenni no anim kan wɔ yɛn asetram?

2 Gyidi a Emu Yɛ Den Ho Hia: Sɛ wɔsɔ yɛn gyidi hwɛ wɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Yehowa bɔhyɛ ne awerɛhyem a Yesu de ma yɛn sɛ, sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no kan a, Onyankopɔn bɛboa yɛn no. (Dw. 37:25; Mat. 6:31-34) Wiase nkɛntɛnso ne nhyɛso betumi abunkam yɛn nso ma enti yenhu nneɛma yiye na ɛremma Ahenni no nyɛ yɛn asetra mu ade titiriw. Ebinom ama anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya adwumam dibea anaa sika no abɛyɛ ade titiriw wɔ wɔn asetra mu. Nanso, te sɛ Paulo no, ehia sɛ yetumi hu nea ɛho hia ankasa no yiye wɔ asetra mu.—Fil. 3:7, 8.

3 Ebia Nsakrae Ho Behia: Ɔdawurubɔfo bi kae sɛ: ‘Na me koma wɔ m’adwuma no mu—na m’ani gye ho kɛse. Misusuwii sɛ metumi akɔ so ayɛ Ɔdansefo na bere koro no ara mede me bere mu fã kɛse no ara ayɛ m’adwuma.’ Nanso na ɔda so ara te nka sɛ obetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Bere bi akyi no, ogyaee adwuma a na ɛmma onnya honhom fam nkɔso no. Bere a otuu ne ho sii hɔ yɛɛ Ahenni adwuma no, otumi kae sɛ: ‘Afei mete nka wɔ m’asetra mu sɛ manya baabi asi wɔ Yehowa ani so, na ɛno ne ade titiriw a ehia.’

4 Nea ɛfata nkamfo no, nnipa pii de wɔn honam fam nnwuma ne hokwan a ɛbɛma wɔanya sika pii abɔ afɔre, ayi wɔn adwene afi akɛsesɛm so na wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Asafo mu asomfo ne mpanyimfo a wɔyɛ mmerante ne asigyafo a wɔkɔ Asomfo Ntetee Sukuu no ayɛ eyi na wɔanya ɔsom mu hokwan a ɛyɛ anigye. Esiane sɛ wosuasua Paulo nhwɛso pa no nti, wɔn ani sɔ wɔn asetrade ankasa.—1 Kor. 11:1; 1 Tim. 6:6-8; Heb. 13:5.

5 Ɛwom sɛ wiase no betumi adi adwene a yekura wɔ asetra ho no ho fɛw de, nanso yɛwɔ Yehowa nhyira. (1 Kor. 1:21, 26-31) So ɛnhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ ɔde yɛn bedi dwuma kɛse sɛnea obetumi na waboa yɛn ma yɛawie n’adwuma no? Yɛrennya hokwan a yɛwɔ seesei sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ dawuru no bio da. Enti ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Ahenni no di kan wɔ yɛn asetra mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena