Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Wɔ October ɔsram no mu no, yefii baabi a yɛde kar sisi a wɔakuru so a yɛbɛhoro nneɛma ayi ti wɔ hɔ bere tiaa bi no ho adwuma ase. Eyi bɛma yɛanya kwan ayɛ adehorobea foforo no ho adwuma awie.
Yɛakuru mukaase foforo no so awie na yɛawie frigye dan no. Nanso yɛremfa nni dwuma seesei. Yebefi adidibea a yɛbɛyɛ no foforo ho adwuma ase.
Akwan a kar bɛfa so ho adwuma no rekɔ so yiye. Yɛayɛ ɔkwan a yɛde kɔ adan foforo a wɔbɛtra mu no ho adwuma ɔha mu 95 awie. Yɛafi ase repae kwan a ɛkɔ anyinam ahoɔden nkanea afiri dan no mu no, na yɛreyɛ awie ɔkwan a ɛkɔ nsukorabea hɔ no ho adwuma.
Yɛagu adan foforo nyinaa kɔnkrit awie gye dwumadibea dan a yebesi aka ho no. Yefii ase too ɔdan a Ɛto so 3 a wɔbɛtra mu no wɔ October mu. Yɛhwɛ kwan sɛ yebefi ase ato ahomegye apata no nnansa yi ara.
Esiane sɛ adwuma no mu retrɛw ntɛmntɛm nti, yehia atuhoamafo a wofi asafo ahorow mu no mmoa. Yehia anuanom mmarima ne mmea nyinaa. Yɛn ani sɔ mmoa a mokɔ so de ma na ama yɛawie adwuma no.