Nnipa a Wɔwɔ Anigye Sen Biara Wɔ Asase So
1 “Anigye ne ɔman a Yehowa ne wɔn Nyankopɔn!” (Dw. 144:15, NW) Saa nsɛm no ka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ wɔne nnipa a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so. Anigye biara nni hɔ a ɛsen nea yenya fi Yehowa, nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ no som mu no. Esiane sɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” nti, wɔn a wɔsom no no da anigye a ɔwɔ no bi adi. (1 Tim. 1:11, NW) Yɛn som no afã horow bɛn na ɛma yenya anigye kɛse?
2 Nea Enti a Yɛn Ani Gye: Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ ‘yɛn honhom mu nneɛma a yɛma ɛho hia yɛn’ no ma yenya anigye. (Mat. 5:3) Bible no a yɛkɔ so sua ne Kristofo asafo nhyiam nyinaa a yɛkɔ no ma yedi saa ahiade no ho dwuma. Onyankopɔn Asɛm mu nokware a yɛasua no ama yɛade yɛn ho afi nyamesom mu atosɛm ne mfomso ho. (Yoh. 8:32) Kyerɛwnsɛm no akyerɛ yɛn asetra kwan a eye sen biara nso. (Yes. 48:17) Ɛno nti, yenya Kristofo fekubɔ wɔ yɛn nuanom kuw a wɔwɔ anigye no mu.—1 Tes. 2:19, 20; 1 Pet. 2:17.
3 Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn so a yedi no ma yenya akomatɔyam kɛse, efisɛ yenim sɛ ɛbɔ yɛn ho ban na ɛma Yehowa ani gye. (Mmeb. 27:11) Ɔsɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Wɔ Yehowa Adansefo gyinapɛn a ɛsodi yɛ den no nyinaa akyi no, wɔnna no adi sɛ wonni anigye. Wɔwɔ anigye. Mmofra ne mpanyin [a wɔwɔ wɔn mu] no nyinaa da no adi sɛ wɔwɔ anigye soronko bi na wɔkari pɛ yiye.” Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo ma wɔanya yɛn anigye no bi?
4 Boa Afoforo Ma Wonnya Anigye: Awerɛhosɛm ahyɛ wiase no ma, na nnipa dodow no ara nni daakye ho anidaso pa biara. Nanso, yɛwɔ anidaso pa, na yenim sɛ da koro awerɛhodi nyinaa befi hɔ. (Adi. 21:3, 4) Enti, yɛde nnam yɛ ɔsom adwuma no, na yɛhwehwɛ nnipa komapafo a yɛbɛka yɛn anidaso ne Yehowa ho gyidi a yɛwɔ no akyerɛ wɔn.—Hes. 9:4.
5 Onuawa kwampaefo bi kae sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma akomatɔyam kɛse sen sɛ yebehu Yehowa ne nokware no.” Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nhyɛ nnipa pii nkuran ma wɔne yɛn nyɛ Bible adesua. Yehowa a yɛbɛsom no na yɛde yɛn ho ama aboa afoforo ma wɔasom no no ma yenya anigye a ɛsen biara.—Aso. 20:35.