Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/02 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 2/02 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaasɛ nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye bere a woakɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi ama wakra bi. Fa Ahwehwɛde nhomawa no ma a adwene no ne sɛ wubefi Bible adesua ase.

◼ Sɛ adawurubɔfo reyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma a, wobetumi de Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no ama. Sɛ ofiewura no wɔ nhoma abien yi bi dedaw a, wobetumi de nhoma foforo biara ama no. Ɛsɛ sɛ obiara fa nkratawa ahorow no bi hyɛ ne ho na wagyaw wɔ afie a wanto obiara wom anaa ɔde ama wɔn a wonnye nhoma no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden san kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn, ne titiriw no nsasesin a asafo ahorow a ɛbemmɛn no betumi akɔ mu no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn. Monkenkan S-201 nkrataa a wɔkyerɛw no afe afe no na moanya nyansahyɛ ahorow. Monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyɛm 12-20 nso.

◼ Monhwɛ yiye wɔ nnaadaasɛm a wɔka wɔ Intanɛt so ne nkrataa a wose wɔde srɛsrɛ sika ama anuanom ma wɔde aboa wɔn a asiane ato wɔn nnansa yi ara no ho. Bere biara a tebea horow hwehwɛ sɛ wɔtew boayikuw a wɔde honam fam mmoa bɛma Yehowa Adansefo no, wɔbɔ anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no amanneɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde ahiade a ɛte saa no ho ntoboa mena Watch Tower, P. O. Box GP 760, Accra.

◼ Wɔbɛma 2002 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, April 14. Ɔkasa no asɛmti bɛyɛ “Ma ‘Da a Ɛyɛ Hu’ no Ntra W’adwene Mu.” Yɛde krataa a mobɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛbrɛ mo. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 14, 2002 adu.

◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba:

Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso—Engiresi

Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II—Engiresi, Ewe, Ga, Twi

Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I—Nea Ne Nkyerɛwee Yɛ Akɛse—Engiresi

Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Wobɛfa So Anya (Nhomawa)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi

So Wowɔ Honhom a Enwu Da? (Kratawa a Ɛto so 25)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi

So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? (Kratawa a Ɛto so 26)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi

◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:

Watchtower Publications Index—1986-2000—Engiresi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena