Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/02 kr. 6
  • Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 3/02 kr. 6

Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ

Ɔdom a yɛwɔ bɛn ara ni! Sɛ Yehowa Adansefo no, ɛnyɛ sɛ yɛanya hokwan ahu Yehowa, nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ, Amansan Bɔfo no, na mmom ne din da yɛn so na yɛsom nso. Nhyira bɛn na ebetumi aso asen eyi!—Yes. 43:12; Heb. 8:11.

Yɛwɔ nkwagye anidaso ne ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ yɛnka Ahenni ho asɛmpa no na ama afoforo nso atumi asom Yehowa na wɔanya yɛn anidaso no bi. (Mat. 24:14; Rom. 10:13, 14; 1 Tes. 5:8) Yɛwɔ anigye nso sɛ yɛyɛ amanaman ntam asomfo onuayɛ kuw a yɛdodɔ yɛn ho na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho kɛse. Hwɛ akomatɔyam ara a eyi nyinaa ma yenya!

Bible no to nsa frɛ yɛn ma ɛfata sɛ: “Momfa anigye nsom [Yehowa, NW]. . . . Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din. Na [Yehowa, NW] ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.” (Dw. 100:2-5) Anigye a yɛde bɛsom Yehowa no fa abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne no benya ho tẽẽ. Ɔma yetumi nya abusuabɔ a ɛte saa na yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɛma emu ayɛ den. Sɛ yɛwɔ abusuabɔ a ɛte saa a, yehu sɛ Yehowa wɔ hɔ bere nyinaa sɛ ɔbɛboa yɛn na wahyɛ yɛn den wɔ ahokyere bere mu. Yɛwɔ ahotoso sɛ ɔbɛma yɛn honhom fam ahoɔden ne akwankyerɛ a yehia no na yɛde agyina nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu asetra mu nsɛnnennen ano. Ɛmfa ho sɛ yehyia nhyɛso ahorow no, yɛn ani gye wɔ yɛn som adwuma no mu, na yɛda Yehowa ase da biara efisɛ sɛnea N’asɛm kae yɛn no, ‘odwen yɛn ho.’—1 Pet. 5:7.

Yehowa hyiraa yɛn pii ankasa wɔ afe a etwaam no mu. Wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ase no, yɛn ani gyei sɛ yɛne afoforo mpempem pii a wɔwɔ gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn ara no bɔe, na yɛtoo dwom didii wɔ Yehowa honhom fam pon so. Wɔ yɛn Asafo Nhoma Adesua horow ase no, yenyaa osuahu a ɛhyɛ gyidi den denam Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! a yɛboom suae no so. Na wɔ eyi nyinaa akyi no, hwɛ anigye ara a yenyae bere a yɛn nsa kaa nhoma foforo Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa! Po I no. ‘Yɛn kuruwa ayɛ ma abu so.’—Dw. 23:5.

Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea ɔpepem pii no de biakoyɛ resom Yehowa! Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yɛkenkan asɛnka adwuma no nkɔanim foforo a yenyae ho asɛm! Ɛyɛ yɛn anigye sɛ nnipa ɔpepem pii baa yɛn Awurade wu Nkaedi no ase—na wɔyɛɛ saa a wiase no tebea horow mfa ho. Sɛ yɛhwɛ wiase nyinaa asasesin no a, ɛda adi sɛ “otwa adwuma no so.” (Luka 10:2) Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Bible adesuafo 5,555 de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne dapɛn biara wɔ afe a etwaam no mu. Ɛwom sɛ otwa adwuma no sõ wɔ asase no afã bi sen mmeae foforo de, nanso yɛn nyinaa ani gye nea Yehowa reyɛ no ho. Yehu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ ohyira mmɔden a n’asomfo de biakoyɛ bɔ no so.

Ahenni Asa afoforo si ayɛ ade foforo a ɛma yenya anigye! Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ yehu sɛ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu anuanom mmarima ne mmea fi wɔn koma nyinaa mu reboa adwuma yi. Yɛnam Ahenni Asa Adansi Akuw no mmoa so asisi Ahenni Asa ɔhaha pii dedaw. Anuanom yi tu kɔ wɔn man mu asafo ahorow no mu mmiako mmiako kodi Ahenni Asa adansi adwuma no anim. Esiane sɛ ehia sɛ yesisi Ahenni Asa mpempem pii nti, wɔhwehwɛ aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu atuhoamafo pii a wɔbɛboa ma wɔayɛ adwuma a ɛho hia yi. Sɛ wote ɔman a ɛte saa mu a, so wubetumi atu wo ho ama? Oo, hwɛ sɛnea yɛn nuanom adɔfo ani gye sɛ wɔwɔ wɔn ankasa Ahenni Asa a wohyiam wɔ so! Na hwɛ aseda ara a wɔde ma wiase nyinaa onuayɛ kuw no wɔ sika fam mmoa a ama wɔatumi ayɛ eyi no ho!

Nkonim a yedi wɔ asɛnnibea ho nsɛm a yɛte mu no ma yɛn ani gye. Nanso, wɔ mmeae pii no, nnipa a wɔwɔ tumi nso wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wɔbrɛ Yehowa som ase. Bere a yedi tebea horow yi ho dwuma no, yɛwɔ ahotoso sɛ, sɛ Yehowa ka sɛ ɔbɛboa yɛn a, asɔretiafo no dodow anaasɛ ahoɔden a ɛte sɛ nea n’asomfo nni no nhaw no. (2 Be. 14:11) Yɛde anigye kamfo mo anuanom mmarima ne mmea a mokɔ so gyina pintinn ma nokware som no nyinaa.

Kɔ so hyɛ wo gyidi den na fa wo ho to Yehowa so kɛse fa hwehwɛ akwankyerɛ bere a wode anigye di wo Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma no. (Mmeb. 3:5, 6) Ntease biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ woma w’abam bu, ɛmfa ho nea ebia wɔbɛma ɔtamfo no kwan ma wayɛ. Kae nkuranhyɛ a Elisa de maa ne somfo a na ne koma atu no: “Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” (2 Ahe. 6:15-17) Ɛnnɛ, Yehowa soro dɔm no ayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ nokware som ho ban sɛnea wɔyɛe wɔ Elia nna no mu no. Yɛde ahotoso hwɛ daakye kwan. Yehowa wɔ biribiara so tumi. Amanaman no rentumi no. Ɔde ne Ba asi hene na ɔde tumi nyinaa ahyɛ ne nsa. “[Anigye, NW] ne wɔn a woguan toa no nyinaa.”—Dw. 2:1-6, 12.

Yɛsrɛ sɛ monkae sɛ yedwen mo anuanom mmarima ne mmea nyinaa ho. Mpae a yefi komam bɔ ne sɛ ɛmmra sɛ mo mu biara ‘begyina pintinn a ɔwɔ Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.’—Kol. 4:12.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Sodikuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena