Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, fa Ahwehwɛde nhomawa no ma no na bɔ mmɔden titiriw sɛ wubefi Bible adesua ase. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyinom bi dedaw a, mubetumi de nhoma bi a akyɛ ama. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaasɛ mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaasɛ Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So ama.
◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni obiara a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-2 no akyi.
◼ Asafo ti no nni nhoma ahorow a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a asafo no de kra nhoma ɔsram biara no amena baa dwumadibea, sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma ahorow a wɔkra ma ankorankoro no ho asɛm ntra mo adwenem.
◼ Wobefi ase atintim Haiti kasa Creole mu Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba pɛnkoro ɔsram biara no afi September 1, 2002 de no so.
◼ Wobefi ase ayɛ Amerika Mum Kasa mu Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba pɛnkoro ɔsram biara no video afi September 1, 2002 de no so. ◼ Wobefi ase ayɛ Korea kasa mu Nyan! wɔ kasɛt so a ɛbɛba mprenu ɔsram biara no afi September 8, 2002 de no so. ◼ Ɛtɔ mmere bi a, asafo ahorow ne adawurubɔfo ankorankoro bi hyia mmara mu nsɛnnennen a ɛfa ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho. Wotintim Defending and Legally Establishing the Good News nhomawa no wɔ 1950 mu na ama wɔde aboa wɔ nsɛm yi mu. Ɛwom sɛ yɛatumi de nhomawa yi adi dwuma wɔ mmere a atwam no mu de, nanso mmara mu nsɛm a ɛwom no atwam. Enti, ɛnsɛ sɛ adawurubɔfo ne mpanyimfo akuw no bɔ mmɔden sɛ wɔde saa nhomawa no mu nsɛm bedi mmara mu nsɛm ho dwuma.
◼ Wɔbɛma 2003 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, April 27. Yɛde ɔkasa no asɛmti ne krataa a mobɛhwɛ so ama ho amanneɛbɔ bɛma akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 27, 2003 adu.
◼ Nhoma a Ebi Asan Aba:
Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa so Anya—Engiresi, Ewe, Ga, Twi
So Wowɔ Honhom a Enwu Da? (Kratawa a Ɛto so 25)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi
So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? (Kratawa a Ɛto so 26)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi