Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Nhoma foforo a yebetumi de ama ne: The Bible—God’s Word or Man’s?, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, anaasɛ Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So. January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na afe 1988 reba ama. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw a ekura nkratafa 192 no bi no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? anaa Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden titiriw afi ofie Bible adesua ahorow ase.
◼ Wɔremmue baa dwumadibea nna a edidi so yi: March 6, 2003 ne July 1 2003. Wɔrenyɛ nhyehyɛe mma nsrahwɛ saa nna yi.
◼ Ɛrenkyɛ na yɛde 2003 (Wukuda, April 16) Nkaedi nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo a ɛwɔ kasa titiriw a asafo biara ka mu abrɛ mo asafo no. Sɛ wɔka kasa foforo wɔ mo asasesin no mu na mo ani begye ho sɛ yɛbrɛ mo nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo no bi wɔ saa kasa horow no mu a, ɛsɛ sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ntɛm ara. Nkaedi nkratasin a ɛwɔ Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi kasa mu no bi wɔ hɔ. Yɛsrɛ sɛ monkra kasa a mubehia wɔ mo asasesin no mu nkutoo.
◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ afe 2004 Nkaedi no bɛyɛ Kwasida, April 4, bere a owia akɔtɔ. Sɛ mpanyimfo kuw no repaw ɔkasafo ama Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw mpanyimfo a wɔfata kɛse no mu biako sen sɛ wɔbɛma obiara ama bi anaasɛ wɔbɛma ɔpanyin biako no ara ama afe biara. Sɛ ɔpanyin a ɔka nkaefo no ho a ɔfata wɔ hɔ a obetumi ama ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw no.
◼ Wɔreyɛ nsakrae wɔ sɛnea yɛbɛyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu. Efi January 2003 no, sɛ yɛto dwom bɔ mpae wie a, yɛde bɛyɛ simma 25 bɛyɛ sukuu no. Wɔde simma anum bɛma ɔkasa su ho ɔkasa, simma du bɛma ɔkyerɛkyerɛ ɔkasa, ne simma du ayɛ Bible mu nsɛntitiriw. Wɔrenyɛ Dwumadi a Ɛto so 2, 3, ne 4 no. Wɔde simma aduasa Ɔsom Nhyiam bɛtoa sukuu no so. Sɛ wɔto dwom wie a, ɔmansin sohwɛfo de simma aduasa bɛma ɔkasa, na wɔde dwom ne mpaebɔ a wɔde pɔn atoa so.
◼ Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa no so ntɛm ara January 1. Ɛsɛ sɛ asafo biara kyerɛw afe asɛm no sɛnea wɔakyerɛw no wɔ Yɛn Ahenni Som mu no. Afe asɛm no ne “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.