Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
  • Yɛn Ahenni Som—2003
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 6

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ February 24, 2003 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntimu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ January 6 kosi February 24, 2003 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ woankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]

ƆKASA SU

1. Ampa anaa Atoro: Nea ɛma obi tumi kenkan ade yiye ne sɛ ɔhwɛ ma egyigye yiye, sɛ ɛyɛ soronko kakra wɔ nea wɔakyerɛw no ho mpo a. Kyerɛkyerɛ mu. [be-TW kr. 83]

2. Fa Nsɛm Hyehyɛ Nea Hwee Nni Hɔ No: Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi akenkan ma afata no, ɛsɛ sɛ _________________________ , _________________________ , _________________________ na woyɛ saa ma epue. [be-TW kr. 85]

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wokasa ma emu da hɔ? (1 Kor. 14:8, 9) [be-TW kr. 86]

4. Dɛn ne nneɛma a ɛremma ɔkasa nnyigye yiye, na dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛatumi akasa ma emu ada hɔ yiye paa? [be-TW kr. 87-8]

5. Dɛn ne nsɛm ahorow bi a wɔde adi dwuma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu wɔ asram abien a edi anim no mu a wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wɔbɔ no yiye? [be-TW kr. 92]

DWUMADI 1

6. Ampa anaa Atoro: Yɛn aniwa betumi aboa yɛn ma yɛatie asɛm. Kyerɛkyerɛ mu. [be-TW kr. 14]

7. Fa Nsɛm Hyehyɛ Nea Hwee Nni Hɔ No: _________________________ , _________________________ , ne _________________________ nyinaa di dwuma sɛ bere kyerɛfo a Onyankopɔn de ama. [si-E kr. 279 nky. 7]

8. Fa Nsɛm Hyɛ Nea Hwee Nni Hɔ No: Wɔ sɛnea Bible no de di dwuma mu no, asɛmfua “da” betumi agyina hɔ ama bere a ɛyɛ nnɔnhwerew _________________________, nnɔnhwerew _________________________, mfe _________________________, anaa _________________________ , a nsɛm a ɛfa ho no na ɛkyerɛ ntease ko a ekura. [si-E kr. 279 nky. 8]

9. Ɔkwan bɛn so na Hana, Marko, ne Elia nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛagyina abasamtu ano? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa nhwɛso ahorow yi aboa afoforo? [w01-TW 2/1 kr. 20-3]

10. Ɔkwan bɛn so na tete Hela agumadi ho ntease twe adwene si Bible nkyekyɛm ahorow bi so? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ saa nsɛm yi ka yɛn asetra? [w01-TW 1/1 kr. 28-31]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Ampa Anaa Atoro: Esiane sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni sii ɔsoro wɔ 1914 nti no, ɛmfata bio sɛ yɛbɛbɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra.” (Mat. 6: 10) Kyerɛkyerɛ mu. [be-TW kr. 279; w96-TW 6/1 kr. 31]

12. Ampa anaa Atoro: Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 11:24 no kyerɛ sɛ wɔn a Yehowa de ogya sɛee wɔn wɔ Sodom ne Gomora no benya owusɔre. Kyerɛkyerɛ mu.

13. Afã Horow a Wɔbɛpaw Bi: Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ Mateo 24:45-47 no yɛ (a) Yehowa Adansefo Sodikuw; (b) Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa a wɔwɔ asase so sɛ kuw wɔ bere biara mu; (d) Yesu Kristo ankasa. Saa akoa yi de honhom fam aduan ma “n’asomfo” wɔ bere a ɛsɛ mu, na wogyina hɔ ma (a) wɔn a wɔasra wɔn no sɛ ankorankoro; (b) nguan foforo no; (d) Kristofo nhoma ahorow akenkanfo nyinaa. Owura no na ɔde akoa no sii n’agyapade nyinaa so wɔ afe (a) 1914 mu; (b) 33 Y.B.; (d) 1919 mu.

14. Afã Horow a Wɔbɛpaw Bi: Asawu a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesu bɛ no mu wɔ Mateo 13:47-50 no fa Kristofo a wɔasra wɔn no asafo ne (a) Onyankopɔn Mesia Ahenni no; (b) wɔn nguan foforo ahokafo no; (d) Kristoman, ho.

15. Sɛnea Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 5: 24 kyerɛ no, dɛn na sɛ wuhu sɛ woafom wo yɔnko somfo bi a, ɛsɛ sɛ woyɛ? [g96-TW 2/8 kr. 24-5]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena