Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 5
  • Mmoa a Wɔde Ma Wɔ Bere a Ɛfata Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Wɔde Ma Wɔ Bere a Ɛfata Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Wɔn A Wɔagyae Asɛnka A Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Den Wɔ Gyidi No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 5

Mmoa a Wɔde Ma Wɔ Bere a Ɛfata Mu

1 Bere a ɔsomafo Petro huu hia a ehia sɛ ɔhyɛ ne mfɛfo den no, ɛkaa no ma ɔde nkaebɔ ne nkuranhyɛ a ɔdɔ wom maa wɔn. (2 Pet. 1:12, 13; 3:1) Ɔhyɛɛ ‘wɔn a na wɔanya gyidi’ no nkuran sɛ wɔnkɔ so mma wɔn honhom fam su ahorow no nnyin sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɛyɛ ‘anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ fam.’ (2 Pet. 1:1, 5-8) Ná Petro atirimpɔw ne sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔahyɛ wɔn frɛ ne paw a Yehowa apaw wɔn no mu den, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobehu wɔn sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.’ (2 Pet. 1:10, 11; 3:14) Wɔ nnipa pii fam no, ɛdaa adi sɛ ne nkuranhyɛ no yɛɛ mmoa a ɛbae wɔ bere a ɛfata mu.

2 Ɛnnɛ, Kristofo ahwɛfo dwen Onyankopɔn nkurɔfo ho saa ara. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo pii gyina nsɛm tebea a emu yɛ den ano wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Tim. 3:1) Esiane sikasɛm, abusua, anaa ankorankoro haw ahorow a wɔrehyia nti, ebinom betumi ate nka sɛ Dawid: “Bɔne a wonnim ano atwa me ho ahyia, m’amumɔyɛ aso me mu a ɛmma minhu ade bio, ɛdɔɔso sen me ti so nhwi, na me koma agyaw me.” (Dw. 40:12) Saa nhyɛso ahorow yi mu betumi ayɛ den araa ma saafo no betumi abu wɔn ani agu honhom fam nneɛma a ɛho hia so na wɔagyae Kristofo som adwuma mu kyɛfa a wobenya daa no. Nanso, wɔn nsɛnnennen no nyinaa akyi no, ‘wɔn werɛ mfii Yehowa mmara nsɛm.’ (Dw. 119:176) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ mpanyimfo de mmoa a saafo no hia no ma wɔn.—Yes. 32:1, 2.

3 Nea ɛbɛyɛ na mpanyimfo adi ahiade yi ho dwuma no, wɔahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden titiriw mmoa wɔn a mprempren wonnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no. Wɔrebɔ eyi a wɔbɛyɛ no ho mmɔden kɛse mprempren, na wɔbɛtoa so wɔ March mu. Wɔakyerɛ nhoma adesua so ahwɛfo sɛ wɔnsrasra wɔn a wɔayɛ mmerɛw no na wɔmfa honhom fam mmoa mma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan de wɔn ho ahyɛ asafo no dwumadi mu bio. Baabi a ɛho behia no, wobetumi ne wɔn ayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe. Wobetumi ama afoforo aboa. Sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ bɛboa a, mfaso kɛse betumi aba mmɔden a wobɛbɔ no so, titiriw sɛ wufi ayamye ne ntease mu hyɛ nkuran a.

4 Sɛ obi san fi ase de ne ho hyɛ asafo no dwumadi mu a, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn nyinaa ani gye. (Luka 15:6) Nokwarem no, mmɔden a yɛbɛbɔ de ahyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw nkuran no betumi ayɛ ‘asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu.’—Mmeb. 25:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena