Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Sɛ mokɔ anigyefo, a ebia wɔn a wɔba Nkaedi anaa asafo nhyiam foforo ka ho, a wonnya mfaa wɔn ho mmɔɔ asafo no yiye nkyɛn kɔyɛ sankɔhwɛ a, momfa mo adwene nsi Som Nokware Nyankopɔn Koro No, nhoma foforo a mode bɛma so. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mubefi ofie Bible adesua ase, titiriw no sɛ ebinom asua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no awie dedaw a. June: Momfa Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no mma. Sɛ afiewuranom no wɔ saa nhoma yi bi dedaw a, momfa nhomawa foforo a ɛfata a mo asafo no wɔ bi nni dwuma. July ne August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu.
◼ Ɛho hia sɛ baa dwumadibea no nya ahwɛfo aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔwɔ mprempren no. Bere biara a wɔbɛsakra no no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw krataa de bɔ baa dwumadibea no amanneɛ ntɛm ara. Nea ɛka eyi ho ne nsakrae biara a ebia aba telefon nɔma mu no nso.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nya “Application for Regular Pioneer Service” (S-205) ne “Application for Auxiliary Pioneer Service” (S-205b) nkratasin a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ bere nyinaa. Mubetumi de “Literature Request Form” (S-14) no akra bi. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ munya nea mode bedi dwuma wɔ afe biako mu. Monhwɛ daa akwampaefo akwammisa nkrataa nyinaa mu nhwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ anaa. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtee a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da bi na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ.
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ nhyiam horow yi no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw baa dwumadibea a ɛhwɛ ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wɔatintim baa dwumadibea ahorow no address wɔ Yearbook foforo no akyi.